Pular para o conteúdo
Publicidade

João 6

53 Yesu ka kyerɛɛ wɔn , "Mereka nokwasɛm akyerɛ mo; moanni Onipa Ba no honam aduane na moannom ne mogya a, morennya nkwa a ɛnni awieeɛ. 54 Obiara a ɔdi me honam aduane na ɔnom me mogya no nya nkwa a ɛnni awieeɛ, na da a ɛdi akyire no, mɛnyane no ama no nkwa foforɔ. 55 Me honam ne aduane pa no, na me mogya nso ne nsu pa no. 56 Obiara a ɔdi me honam aduane na ɔnom me mogya nsuo no te me mu, na me nso mete ne mu. 57 Sɛdeɛ Agya teasefoɔ no somaa me na ɔno enti, mete ase no, saa ara nso na obiara a ɔdi me honam aduane no, me enti, ɔbɛtena ase. 58 Yei ne burodo a ɛfiri ɔsoro baeɛ. Ɛnte mana a yɛn nananom dii ɛserɛ so na wɔwuwuiɛ no. Saa burodo yi deɛ, obiara a ɔbɛdi bi no bɛtena ase daa."

Veja também