6 Yesu bisaa Filipo saa asɛm yi de sɔɔ no hwɛeɛ, ɛfiri sɛ, na ɔnim deɛ ɔbɛyɛ.
7 Filipo buaa sɛ, "Ansa na yɛbɛtumi ama saa nnipa dodoɔ yi aduane no, ɛsɛ sɛ yɛnya abosome nwɔtwe akatua."
8 Andrea a ɔyɛ Simon Petro nua no kaa sɛ, 9 "Abarimaa bi wɔ ha a ɔwɔ burodo enum ne nkyenam mmienu; na yei bɛtumi aso nnipa dodoɔ yi di?"
10 Yesu hyɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, "Momma obiara ntena ase." Asuafoɔ no ma wɔtenatenaa ɛserɛ no so. Na mmarima a wɔwɔ wɔn mu no dodoɔ bɛyɛ mpemnum. 11 Yesu faa burodo no bɔɔ mpaeɛ na ɔkyɛ maa wɔn. Ɔfaa saa ɛkwan korɔ no ara so kyɛɛ nkyenam no nso maa wɔn.
12 Wɔdidi meeɛ akyi no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ "Mommoaboa aduane a aka no ano na ebi ansɛe." 13 Wɔboaboaa aduane a ɛkaeɛ no ano no, ɛyɛɛ nkɛntɛmma dumienu.