Publicidade

João 8

4 Wɔka kyerɛɛ Yesu , "Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yɛkyeree ɔbaa yi ɔrebɔ adwaman, 5 nanso Mose mmara hyɛ yɛn , ɔbaa biara a wɔbɛkyere no saa ɛkwan no so no, ɛsɛ wɔsi no aboɔ. Ɛdeɛn na woka ho?" 6 Wɔbisaa no yei de sum no afidie sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛnya asɛm bi agyina so atoto nʼano.

Nanso, Yesu bɔɔ ne mu ase de ne nsateaa twerɛtwerɛɛ fam. 7 Wɔgu so rebisabisa no nsɛm no, ɔmaa ne mu so ka kyerɛɛ wɔn , "Mo mu biara a ɔnyɛɛ bɔne da no, nni ɛkan nto boɔ mmɔ no." 8 Ɔsane bɔɔ ne mu ase twerɛtwerɛɛ fam.

9 Nnipa no tee asɛm a Yesu kaeɛ no, wɔhyɛɛ aseɛ firii mmaako mmaako firi mpanin no so. Ɛkaa Yesu ne ɔbaa no nko ara. 10 Yesu maa ne mu so no, ɔbisaa ɔbaa no , "Nnipa a wɔde wo baeɛ no he? Wɔn mu baako mpo nni ha a ɔbɛka asɛm bi atia wo?"

11 Ɔbaa no buaa Yesu , "Dabi, Owura."

Yesu ka kyerɛɛ no , "saa na ɛte deɛ a, ɛnneɛ me nso menni asɛm biara a mɛka de atia wo. , na nkɔyɛ bɔne bio."

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-