Pular para o conteúdo
Publicidade

Lucas 1

11 Sakaria gu so rehye aduhwam no, prɛko , Awurade ɔbɔfoɔ bɛgyinaa afɔrebukyia no nkyɛn mu nifa so. 12 Sakaria hunuu no no, ɔbɔɔ birim na ne ho popoeɛ. 13 Nanso, ɔsoro ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ no , "Sakaria, nsuro, Awurade Onyankopɔn ate wo mpaeɛbɔ. Wo yere Elisabet bɛwo babarima na ɛsɛ woto ne din Yohane. 14 Nʼawoɔ bɛma wʼani agye na wo ho asɛpɛ wo. Saa ara na ɛbɛma nnipa bebree nso ani agye. 15 Ɔbɛyɛ kɛse Awurade anim. Ɔrennom nsã biara da, na Honhom Kronkron bɛyɛ no ma afiri ne maame yam. 16 Israelfoɔ pii nam nʼasɛnka so bɛnya adwensakyera asane aba Awurade, wɔn Onyankopɔn, nkyɛn. 17 Ɔbɛnya Odiyifoɔ Elia honhom ahoɔden no bi, na ɔbɛdi Agyenkwa no ba no anim abɛsiesie nnipa ama ne ba a ɔbɛba no. Nʼasɛnka bɛma nteaseɛ aba agyanom ne wɔn mma ntam. Na ɔbɛdane Awurade asɛm no ho asoɔdenfoɔ adwene akɔ Awurade ho."

Veja também