Sakaria Nkɔmhyɛ
67 Honhom hyɛɛ nʼagya Sakaria ma ma ɔhyɛɛ nkɔm sɛ,
68 "Nhyira nka Awurade, Israel Onyankopɔn,
sɛ waba abɛgye ne manfoɔ.
69 Ɔde Agyenkwa Otumfoɔ a ɔyɛ ne ɔsomfoɔ Dawid aseni rebrɛ yɛn,
70 sɛdeɛ ɔnam nʼadiyifoɔ kronkron so firi teteete hyɛɛ bɔ
71 sɛ, ɔbɛma yɛn Agyenkwa a ɔbɛgye yɛn afiri yɛn atamfoɔ
ne wɔn a wɔkyiri yɛn no nsam no.
72 Na wama bɔ a ɔhyɛɛ yɛn agyanom wɔ nʼahummɔborɔ ho no
aba mu na wakae nʼapam kronkron no,
73 na wakae nʼapam kronkron a ɔne Abraham pameeɛ no;
74 sɛ ɔbɛgye yɛn afiri yɛn atamfoɔ nsam no,
na yɛasom no a osuro biara nni mu.
75 Na yɛn nkwa nna nyinaa mu, yɛayɛ kronkron ne ateneneefoɔ wɔ nʼanim.
76 "Na wo, akɔkoaa yi, wɔbɛfrɛ wo Ɔsorosoroni no Odiyifoɔ,
ɛfiri sɛ, wo na wobɛsiesie ɛkwan ama Agyenkwa no,
77 na wobɛkyerɛ ne manfoɔ kwan a
wɔnam bɔnefakyɛ so nya nkwa a ɛnni awieeɛ;
78 na yeinom nyinaa bɛba mu ɛfiri sɛ,
Onyankopɔn mmɔborɔhunu a ɛdɔɔso no,
79 na ɛbɛma hann a ɛfiri ɔsoro abɛpue yɛn so
ahyerɛn wɔn a wɔte sum ne owuo sum mu no so,
na akyerɛ yɛn ɛkwan akɔ asomdwoeɛ mu."