Pular para o conteúdo
Publicidade

Lucas 10

Mmaranimfoɔ Bi Asɛmmisa

25 Mmaranimfoɔ bi pɛɛ ɔsɔ Yesu hwɛ enti ɔbisaa no , "Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, menyɛ dɛn na manya nkwa a ɛnni awieeɛ?"

26 Yesu nso bisaa no , "Ɛdeɛn na wɔatwerɛ Mose mmara no mu? Na wote aseɛ sɛn?"

27 Ɔbuaa no , "Mmara no ka , Fa wʼakoma, ne wo kra, ne wʼahoɔden, ne wʼadwene nyinaa Awurade, wo Onyankopɔn, na wo yɔnko wo ho!’ "

28 Yesu ka kyerɛɛ no , "Woabua no yie. yeinom na wobɛnya nkwa."

29 Nanso, ɔbarima no pɛɛ ɔkyerɛ ɔdi mmara no nyinaa so enti, ɔbisaa Yesu , "Hwan ne me yɔnko?"

Samariani A Ɔhunuu Mmɔbɔ No

30 Yesu nso maa no mfatoho bi , "Ɛda bi na ɔbarima bi retu ɛkwan firi Yerusalem akɔ Yeriko. Na ɔnam ɛkwan so no, ɔkɔtɔɔ akwanmukafoɔ mu na wɔgyee ne ho nneɛma nyinaa, hwee no, pirapiraa no ma ɔtɔɔ baha, gyaa no too kwankyɛn kɔeɛ. 31 Ankyɛre biara, Yudani ɔsɔfoɔ bi bɛpuee ne so, nanso ɔmane faa nkyɛn kɔeɛ. 32 Saa ara nso na Lewini bi nso bɛpuee ne so mane faa nkyɛn. 33 Ankyɛre biara na Samariani bi nso bɛpuee . Ɔhunuu no no, ɔyɛɛ no mmɔbɔ. 34 Ɔkɔkotoo ne nkyɛn, hohoroo nʼapirakuro no anim, de aduro guguu mu, kyekyereeɛ. Afei, ɔmaa no so de no tenaa nʼafunumu so dii aboa no nkyɛn de no kɔɔ ahɔhobea bi hwɛɛ no anadwo mu no nyinaa. 35 Adeɛ kyeeɛ no, ɔgyaa ahɔhobea sohwɛfoɔ no sika a ɛbɛso no hwɛ ɔmfa nhwɛ no. Ɔsane hyɛɛ no , Ɛka foforɔ biara a wobɛbɔ ne ho no, mɛba abɛtua.

36 "Afei, saa nnipa baasa yi mu hwan na ɔyɛɛ ne yɔnko?"

37 Mmaranimfoɔ no buaa , "Deɛ ɔhunuu opirafoɔ no mmɔbɔ no."

Yesu ka kyerɛɛ no , "Wo nso, na kɔyɛ saa ara."

Veja também