Pular para o conteúdo
Publicidade

Lucas 12

15 Ɔtoaa so , "Monhwɛ mo ho yie adifudepɛ ho, ɛfiri , onipa nkwa nnyina nʼahonya dodoɔ a ɔwɔ so."

16 Afei, ɔbuu wɔn yi , "Ɔdefoɔ bi a na ɔwɔ asase pa a ɛmaa no nnɔbaeɛ pii. 17 Esiane na ne nnɔbaeɛ no nkɔ pata a wabɔ no so enti, ɛyɛɛ no dadwene ma ɔbisaa ne ho , Mennya baabi a mede me nnɔbaeɛ bebrebe yi bɛgu yi, menyɛ no dɛn?

18 "Afei, ɔkaa , Monim deɛ mɛyɛ. Mɛbubu mʼapata yi nyinaa na mabɔ no akɛseɛ de deɛ mewɔ nyinaa asie . 19 Na maka akyerɛ me kra , "Ɔkra, ma wʼani nnye na didi, na nom ɛfiri , wowɔ nneɛma pa pii a ɛbɛso wo mfeɛ bebree!" 

20 "Nanso, Onyankopɔn ka kyerɛɛ no , Ɔkwasea! Anadwo yi, wɔbɛgye wo kra afiri wo nsam, na hwan na nneɛma bebree a woapɛ agu yi, wode bɛgya no?

21 "Ɛno enti, saa ara na obiara a ɔbɛboaboa agyapadeɛ ano de ne ho ato so no nyɛ ɔdefoɔ Onyankopɔn anim ne no."

Veja também