Pular para o conteúdo
Publicidade

Lucas 15

Ɔyeraba

11 Yesu sane buu wɔn ɔyera ho ɛbɛ bi , "Ɔbarima bi a na ɔwɔ mmammarima baanu. 12 Wɔn mu akumaa no ka kyerɛɛ nʼagya no , Me agya, fa me kyɛfa a mewɔ wʼagyapadeɛ mu no ma me!Ɔbarima no kyɛɛ nʼagyapadeɛ mu de ne ba no kyɛfa maa no.

13 "Nna tiawa bi akyi no, ne ba kumaa yi boaboaa nʼahodeɛ nyinaa ano tuu ɛkwan kɔɔ akyirikyiri asase bi so kɔbɔɔ ahohwi bra, hweree nʼahodeɛ nyinaa. 14 Ɛno akyi no, ɛkɔm kɛseɛ bi baa asase no so maa ne ho kyeree no. 15 Ɛbaa saa no, ɔde ne ho kɔdanee kuromani bi a ɔma ɔkɔhwɛɛ ne mprako so. 16 Ɔwɔ no, ɛkɔm dee no maa ne kɔn dɔɔ anka ɔbɛnya aduane a mprako no di no bi mpo adi, nanso, wannya.

17 "Nʼani baa ne ho so no, ɔkaa , Apaafoɔ a wɔwɔ mʼagya efie didi mee, ma ebi ka ma wɔto gu. Adɛn na mete ha na ɛkɔm rekum me yi! 18 Mɛsɔre akɔ mʼagya nkyɛn na maka makyerɛ no , Agya, mayɛ ɔsoro ne wo bɔne, 19 na memfata wɔfrɛ me wo ba bio; fa me wʼapaafoɔ no mu baako. 20 Ɔsiim ɔresane aba nʼagya nkyɛn.

"Ɔnam ɛkwan so akyirikyiri reba no, nʼagya no hunuu no, enti ɔde ayamhyehyeɛ yɛɛ ntɛm kɔhyiaa no, bam no, yɛɛ no atuu.

21 "Aberanteɛ yi ka kyerɛɛ nʼagya no , Agya, mayɛ ɔsoro ne wo bɔne, na memfata wofrɛ me wo ba bio.

22 "Nʼano ansi koraa na nʼagya no frɛɛ nʼasomfoɔ ka kyerɛɛ wɔn , Monka mo ho nkɔfa ntoma pa mmɛfira no na monhyɛ no pɛtea ne mpaboa a ɛyɛ . 23 Afei, monkɔkum nantwie ba a wadɔre sradeɛ no mfa nyɛ aduane, na yɛnnidi, nnom, nnye yɛn ani, 24 ɛfiri , na mesusu meba yi awu, nso na ɔte ase; ɔyeraeɛ, nanso wasane aba.Wɔhyɛɛ aseɛ gyee wɔn ani.

25 "Ne ba panin a na ɔfiri afuom reba no duruu afikyire no, ɔtee nnwontoɔ ne ahurisidie efie . 26 Ɛno enti ɔfrɛɛ asomfoɔ no mu baako bisaa no deɛ ɛrekɔ so efie . 27 Ɔsomfoɔ no ka kyerɛɛ no , Wo nua no asane aba a biribiara anyɛ no enti, wʼagya akum nantwie ba a wadɔre sradeɛ no ama no.

28 "Ɔtee saa asɛm yi no, ne bo fuiɛ enti ɔyɛɛ nʼadwene ɔrenkɔ efie . Nʼagya tee saa asɛm yi no, ɔfirii adi baa ne nkyɛn bɛkorɔkorɔɔ no. 29 Ne ba no de awerɛhoɔ buaa no , Agya, masom wo mfeɛ dodoɔ yi nyinaa a deɛ wobɛka biara metie, nanso wommaa me odwan ba mpo da menkum na me ne me nnamfonom mfa nnye yɛn ani. 30 Nanso, wo ba a ɔkɔbɔɔ ahohwie no baeɛ yi deɛ, woakum nantwie ba a wadɔre sradeɛ no ama no.

31 "Nʼagya buaa no , Me ba, me ne wo na ɛte ha. Biribiara a mewɔ nso wo dea. 32 Ɛsɛ yɛgye yɛn ani, ɛfiri , na mesusu wo nua yi awu, nso na ɔte ase; ɔyeraeɛ, nanso wasane aba.’ "

Veja também