12 Ɔrebɛn akuraa bi ase no, akwatafoɔ edu bi a na wɔgyinagyina kurotia no hunuu no 13 teateaam sɛ, "Yesu, yɛn wura, hunu yɛn mmɔbɔ."
14 Yesu hunuu wɔn no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, "Momfa mo ho nkɔkyerɛ ɔsɔfoɔ!" Ɛberɛ a akwatafoɔ no rekɔ no, wɔn ho yɛɛ wɔn den.
15 Wɔn mu baako hunuu sɛ ne ho ayɛ no den no, ɔsanee nʼakyi de ahurisie yii Onyankopɔn ayɛ sɛ, "Animuonyam nka Onyankopɔn, wama me ho ayɛ me den!" 16 Ɔbɛkotoo Yesu anim daa no ase. Na saa ɔbarima yi yɛ Samariani.
17 Yesu bisaa sɛ, "Ɛnyɛ nnipa edu na wɔn ho yɛɛ wɔn den? Baakron a wɔaka no wɔ he? 18 Adɛn enti na ɔmamfrani yi nko na wasane aba sɛ ɔrebɛyi Onyankopɔn ayɛ?" 19 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, "Sɔre kɔ, wo gyidie ama wo ho ayɛ wo den."