Publicidade

Lucas 17

Bɔne, Gyidie Ne Asɛdeɛ

1 Ɛda bi Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no , "Ɛyɛ dɛn ara a sɔhwɛ a ɛde onipa bɔne mu no bɛba, nanso onipa a ɛnam ne so bɛba no, ɔnnue. 2 Ɛyɛ ma saa onipa no wɔde ɛboɔ a emu duru bi bɛsɛn ne kɔn mu ato no atwene ɛpo mu sene ɔbɛto nkumaa yi mu baako suntidua ama wayɛ bɔne. 3 Enti, monhwɛ mo ho so yie.

"wo nua fom wo a, ka nʼanim na ɔnu ne ho a, fa ne bɔne kyɛ no. 4 nso ɔfom wo mprɛnson da koro na mpɛn dodoɔ a ɔfom wo no nyinaa, ɔde ahonu srɛ wo a, fa kyɛ no."

5 Ɛda bi, asomafoɔ no ka kyerɛɛ Yesu , "Awurade, hyɛ yɛn gyidie mu den."

6 Yesu buaa wɔn , "mowɔ gyidie te onyina aba a, anka mobɛtumi aka akyerɛ akyee yi , Tutu kɔgu ɛpo mu,na ɛbɛba mu saa.

7 "Mo mu hwan na ɔwɔ ɔsomfoɔ a ɔyɛ nʼafuom adwuma anaasɛ ɔhwɛ ne mmoa na ɔfiri afuom ba a, ɔbɛka akyerɛ no , Wʼaduane si na kɔdidi? 8 Na mmom ɔrenka nkyerɛ no , Noa aduane ma me na modidi wie a, wo nso woakɔdidi? 9 ɔsomfoɔ yi nʼasɛdeɛ yi a, ne wura no bɛda no ase anaa? 10 Saa ara nso na mo nso moyɛ mo asɛdeɛ a, ɛsɛ moka , Yɛyɛ asomfoɔ a ayɛyie mfata yɛn, yɛn asɛdeɛ a ɛsɛ yɛyɛ na yɛayɛ no.’ "

Akwatafoɔ Edu No Ayaresa

11 Ɛberɛ bi a Yesu rekɔ Yerusalem no, ɔfaa Samaria ne Galilea hyeɛ so. 12 Ɔrebɛn akuraa bi ase no, akwatafoɔ edu bi a na wɔgyinagyina kurotia no hunuu no 13 teateaam , "Yesu, yɛn wura, hunu yɛn mmɔbɔ."

14 Yesu hunuu wɔn no, ɔka kyerɛɛ wɔn , "Momfa mo ho nkɔkyerɛ ɔsɔfoɔ!" Ɛberɛ a akwatafoɔ no rekɔ no, wɔn ho yɛɛ wɔn den.

15 Wɔn mu baako hunuu ne ho ayɛ no den no, ɔsanee nʼakyi de ahurisie yii Onyankopɔn ayɛ , "Animuonyam nka Onyankopɔn, wama me ho ayɛ me den!" 16 Ɔbɛkotoo Yesu anim daa no ase. Na saa ɔbarima yi Samariani.

17 Yesu bisaa , "Ɛnyɛ nnipa edu na wɔn ho yɛɛ wɔn den? Baakron a wɔaka no he? 18 Adɛn enti na ɔmamfrani yi nko na wasane aba ɔrebɛyi Onyankopɔn ayɛ?" 19 Yesu ka kyerɛɛ no , "Sɔre , wo gyidie ama wo ho ayɛ wo den."

20 Ɛda bi Farisifoɔ bi bisaa Yesu , "Ɛberɛ bɛn na Onyankopɔn Ahennie no bɛba?" Yesu buaa wɔn , "Onyankopɔn Ahennie no nnam nsɛnkyerɛnneɛ bi a mobɛhunu so na ɛbɛba, 21 na obi rentumi nkyerɛ mo , Ɛwɔ ha anaa ɛhɔ!Ɛfiri , Onyankopɔn Ahennie no te mo mu."

22 Na ɔka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no , "Mmerɛ bi bɛba a mo ani bɛgyina mobɛhunu Onipa Ba no mo nkyɛn, nanso morenhunu no. 23 nnipa ka kyerɛ mo mewɔ ha anaa baabi foforɔ a, monnni wɔn akyi. 24 Sɛdeɛ anyinam pa ogya ewiem ma nnipa nyinaa hunu no, saa ara nso na Onipa Ba no ba a ɔbɛsane aba no bɛyɛ. 25 Nanso, ansa na yeinom nyinaa bɛba mu no, ɛsɛ mehunu amane na me nkurɔfoɔ nso po me.

26 "Sɛdeɛ Noa ɛberɛ so nnipa yɛɛ asoɔden no, saa ara nso na Onipa Ba no ba a, ɛbɛyɛ no no. 27 Saa ɛberɛ no, nnipa didi nomee, warewaree kɔsii Noa kɔhyɛɛ ɛhyɛn no mu na nsuyire bɛfaa saa nnipa no nyinaa.

28 "Saa ara nso na Lot berɛ so no, na ɛte. Nnipa didi nomee, dii dwa, yɛɛ mfuo, sisii adan, 29 kɔsii Lot firii Sodom na ogya ne sɔfe firi ɔsoro bɛhyee saa nnipa no nyinaa.

30 "Saa ara nso na da a Onipa Ba no bɛsane aba no, ɛbɛyɛ. 31 Saa ɛda no, ɛnsɛ obiara a ɔwɔ adwuma mu, afuo mu anaa edwa so sane nʼakyi ba efie ɔrebɛsesa nʼahodeɛ. 32 Monkae asɛm a ɛtoo Lot yere. 33 Obiara a ɔdɔ ne ɔkra no, ɛbɛfiri ne nsa. Na deɛ ɔbɛhwere ne ɔkra no, bɛnya. 34 Ɛda no, wɔbɛfa nnipa baanu a wɔda faako no mu baako agya ɔbaako. 35 Saa ara nso na wɔbɛfa mmaa baanu a wɔrenoa aduane no mu baako agya ɔbaako. 36 Mmarima baanu a wɔreyɛ adwuma afuom no nso, wɔbɛfa ɔbaako agya ɔbaako."

37 Asuafoɔ no bisaa Yesu , "Awurade, ɛhe na wɔde wɔn bɛkɔ?"

Yesu buaa wɔn , "Baabi a efunu no, apete mpa !"

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-