Publicidade

Lucas 17

14 Yesu hunuu wɔn no, ɔka kyerɛɛ wɔn , "Momfa mo ho nkɔkyerɛ ɔsɔfoɔ!" Ɛberɛ a akwatafoɔ no rekɔ no, wɔn ho yɛɛ wɔn den.

15 Wɔn mu baako hunuu ne ho ayɛ no den no, ɔsanee nʼakyi de ahurisie yii Onyankopɔn ayɛ , "Animuonyam nka Onyankopɔn, wama me ho ayɛ me den!" 16 Ɔbɛkotoo Yesu anim daa no ase. Na saa ɔbarima yi Samariani.

17 Yesu bisaa , "Ɛnyɛ nnipa edu na wɔn ho yɛɛ wɔn den? Baakron a wɔaka no he? 18 Adɛn enti na ɔmamfrani yi nko na wasane aba ɔrebɛyi Onyankopɔn ayɛ?" 19 Yesu ka kyerɛɛ no , "Sɔre , wo gyidie ama wo ho ayɛ wo den."

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-