Onifirani Bi Ayaresa
35 Yesu ne nʼasuafoɔ no rebɛn Yeriko no, wɔhunuu onifirani bi a ɔte kwankyɛn resrɛsrɛ adeɛ. 36 Onifirani no tee sɛ nkurɔfokuo bi retwam no, ɔbisaa asɛm a asi. 37 Wɔka kyerɛɛ no sɛ, "Yesu Nasareni no na ɔretwam!"
38 Ɔtee saa no, ɔteateam sɛ, "Yesu, Dawid Ba, hunu me mmɔbɔ!"
39 Wɔn a wɔdi anim no trantram no sɛ ɔmmua nʼano, nanso wantie, na ɔkɔɔ so teateaam dendeenden sɛ, "Yesu Dawid Ba, hunu me mmɔbɔ!"
40 Yesu duruu baabi a onifirani no te no, ɔmaa wɔde no brɛɛ no. Wɔde no duruu Yesu nkyɛn no, ɔbisaa no sɛ, 41 "Ɛdeɛn na wopɛ sɛ meyɛ ma wo?"
Onifirani no buaa sɛ, "Awurade, ma menhunu adeɛ."
42 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, "Hunu adeɛ, wo gyidie ama wo ho ayɛ wo den." 43 Amonom hɔ ara, onifirani yi hunuu adeɛ, na ɔdii Yesu akyi, yii Onyankopɔn ayɛ. Na wɔn a wɔhunuu ayaresa no nyinaa nso yii Onyankopɔn ayɛ.