Pular para o conteúdo
Publicidade

Lucas 24

Emaus Ɛkwan So

13 Ɛda no ara asuafoɔ no mu baanu siim wɔrekɔ akuraa bi a wɔfrɛ no Emaus a ɛfiri Yerusalem rekɔ no bɛyɛ akwansini nson. 14 Wɔrekɔ no nyinaa na asɛm a asi no ho nkɔmmɔ ara na wɔredi. 15 Wɔgu so redi nkɔmmɔ na wɔregye wɔn ho akyinnyeɛ no, Yesu bɛkaa wɔn ho ne wɔn bɔɔ anan kɔeɛ. 16 Wɔhunuu obi ka wɔn ho deɛ, nanso wɔantumi anhunu ɛyɛ Yesu.

17 Ɔbisaa wɔn , "Nkɔmmɔ bɛn na moredi a mo werɛ aho mo ho yi?"

18 Na wɔn mu baako a wɔfrɛ no Kleopa bisaa no , "Wo nko ara ne ɔhɔhoɔ a wowɔ Yerusalem a wontee nsɛm a asisi nnansa yi no?"

19 Ɔbisaa wɔn , "Nsɛm bɛn?"

Wɔbuaa no , "Nsɛm a ɛfa Nasareni Yesu a ɔyɛ odiyifoɔ a ɔwɔ tumi nneyɛeɛ ne ɔkasa mu Onyankopɔn ne nnipa nyinaa anim no ho, 20 ne sɛdeɛ asɔfoɔ mpanin ne yɛn mpanimfoɔ kyeree no de no kɔɔ aban mu wɔmmu no kumfɔ a wɔbɔɔ no asɛnnua mu no ho. 21 Yɛn deɛ, na yɛn ani da so ɔno na ɔrebɛgye Israel, na bio nnansa ni a saa asɛm yi siiɛ. 22 Na mmaa bi nso a wɔyɛ Yesu akyidifoɔ yɛn ara ama yɛn ho adwiri yɛn. Wɔkɔɔ ɔboda no so anɔpa yi ara, 23 nanso wɔanhunu nʼamu no. Wɔsane bɛka kyerɛɛ yɛn , wɔahunu ɔsoro abɔfoɔ ma wɔaka akyerɛ wɔn , Yesu te ase. 24 Yɛn mu binom tuu mmirika kɔhwɛeɛ na ampa ara, na Yesu amu no nni sɛdeɛ mmaa no kaeɛ no ara ."

25 Yesu ka kyerɛɛ wɔn , "Adwenemherɛfoɔ a monni gyidie; ɛyɛ mo den mobɛgye deɛ adiyifoɔ no aka no nyinaa adi. 26 Wɔanhyɛ ho nkɔm , ɛsɛ Kristo no bɛhunu amane ansa na wakɔ nʼanimuonyam mu anaa?" 27 Na ɔfirii Mose ne adiyifoɔ no so kyerɛkyerɛɛ wɔn nsɛm a ɛfa ne ho Atwerɛsɛm no mu no nyinaa ase.

28 Wɔduruu Emaus kurotia no, Yesu pɛɛ anka ɔtoa nʼakwantuo no so. 29 Nanso, wɔsrɛɛ no, sanee no ɔnna wɔn nkyɛn, ɛfiri , na adeɛ reyɛ asa enti, ɔsane ne wɔn kɔɔ efie.

30 Ɛberɛ a wɔte adidiiɛ no, Yesu bɔɔ mpaeɛ, daa Onyankopɔn ase, faa burodo bubuu mu de maa wɔn. 31 Amonom, wɔn ani so tetee wɔn maa afei wɔhunuu ɛyɛ Yesu. Ɛhɔ ara, ɔtu yeraeɛ. 32 Na afei, wɔsesee wɔn ho wɔn ho, sɛdeɛ Atwerɛsɛm no mu nsɛm a ɔka kyerɛɛ wɔn ɛberɛ a na wɔnam ɛkwan so no si fa kaa wɔn akoma no.

33 Ntɛm ara, wɔsane wɔn akyi baa Yerusalem bɛtoo asuafoɔ dubaako no ne wɔn a na wɔka wɔn ho no wɔahyia. 34 Wɔduruu no, wɔbɔɔ wɔn amanneɛ , "Ampa ara, Awurade asɔre afiri awufoɔ mu. Wayi ne ho adi akyerɛ Simon." 35 Baanu a wɔfiri Emaus baeɛ no nso bɔɔ wɔn amaneɛ, sɛdeɛ Yesu bɛtoo wɔn Emaus ɛkwan so na wɔantumi anhunu ɛyɛ ɔno kɔsii ɛberɛ a ɔbubuu burodo mu de maa wɔn no ansa.

Veja também