Pular para o conteúdo
Publicidade

Lucas 5

18 Mmarima bi baa a wɔso obubuafoɔ bi. 19 Esiane na wɔntumi mfa nnipakuo no mu nkɔ Yesu nkyɛn enti, wɔforoo ɛdan a Yesu mu no kɔtuu atifi tokuro, de obubuafoɔ a ɔda ne kɛtɛ so no faa mu gyaagyaa no brɛoo, kɔtoo Yesu anim.

20 Yesu hunuu gyidie a wɔwɔ no, ɔka kyerɛɛ ɔyarefoɔ no , "Onua, wɔde wo bɔne akyɛ wo."

21 Farisifoɔ no ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no tee asɛm a Yesu kaeɛ no, wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho , "Hwan ne saa onipa yi a ɔreka abususɛm yi? Hwan na ɔtumi ɔde bɔne kyɛ ka Onyankopɔn ho?"

22 Esiane Yesu hunuu deɛ wɔdwennwene enti, ɔbuaa wɔn , "Adɛn enti na modwene asɛm a mekaeɛ yi abususɛm?" 23 Yesu bisaa wɔn , "Deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ den, wɔbɛka akyerɛ obi , wɔde wo bɔne akyɛ wo anaasɛ, wɔbɛka , sɔre na nante? 24 Na ɛbɛyɛ na mobɛhunu Onipa Ba no tumi ɔde bɔne kyɛ asase so enti." Mereka akyerɛ wo , "Sɔre yi wo kɛtɛ na efie!" 25 Amonom ara, ɔsɔreeɛ, yii ne kɛtɛ kɔɔ efie. Ɔrekɔ no nyinaa na ɔreyi Onyankopɔn ayɛ.

Veja também