Publicidade

Lucas 7

Ɔsraani Panin Bi Gyidie

1 Yesu kasa kyerɛɛ nkurɔfoɔ no wieeɛ no, ɔkɔɔ Kapernaum. 2 Saa ɛberɛ no ara mu na Roma ɔsraani panin bi ɔsomfoɔ a ɔpɛ nʼasɛm yie yare dendeenden a ɔreyɛ awu. 3 Ɔsraani panin no tee Yesu nka no, ɔsomaa Yudafoɔ mpanimfoɔ bi wɔnkɔsrɛ no na ɔmmɛsa ne ɔsomfoɔ no yadeɛ mma no. 4 Wɔduruu Yesu nkyɛn no, wɔde asɛm no too nʼanim srɛɛ no , ɔmmoa ɔsraani panin no, ɛfiri , ɔyɛ onipa pa. 5 Wɔkaa , "Ɔyɛ obi a ɔdɔ yɛn ɔman na wasi hyiadan ama yɛn." 6 Yesu ne wɔn siim.

Wɔreyɛ aduru efie no, ɔsraani panin no somaa ne nnamfo bi , wɔnkɔka nkyerɛ Yesu , "Awurade, nha wo ho, na mensɛ woba me fie. 7 Saa ara na memfata meba baabi a wowɔ. Kasa, na me ɔsomfoɔ no ho bɛyɛ no den. 8 Meyɛ obi a mehyɛ tumi ase, nanso mewɔ asraafoɔ bebree hyɛ mʼase. Meka kyerɛ wɔn mu bi , a, ɔkɔ. Meka kyerɛ ɔfoforɔ , Braa, ɔba. Na mehyɛ me ɔsomfoɔ , yeia, ɔyɛ."

9 Yesu tee asɛm yi no, ne ho dwirii no na ɔdanee nʼani ka kyerɛɛ nnipakuo a wɔdi nʼakyi no , "Anokwa, Israelman mu nyinaa, menhunuu obiara a ɔwɔ gyidie saa ɔbarima yi da." 10 Ɛberɛ a abɔfoɔ no sane kɔduruu efie no, wɔhunuu ɔsomfoɔ no ho ayɛ no den.

Yesu Nyane Okunafoɔ Bi Ba Nain

11 Yei akyi no, Yesu ne nʼasuafoɔ ne nnipakuo bi a wɔka ne ho no kɔɔ kuro bi a wɔfrɛ no Nain mu. 12 Wɔduruu kurotia no, ɔhunuu wɔrekɔsie obi. Na owufoɔ no ɔbaa kunafoɔ bi a ɔwɔ kuro no mu no ba barima korɔ. Na adɔfoɔ bebree di amu no akyi. 13 Na Awurade hunuu no no, nʼasɛm yɛɛ no mmɔbɔ, na ɔka kyerɛɛ no , "Gyae su!"

14 Yesu kɔsɔɔ efunu adaka no mu maa wɔn a ɛyɛ wɔn dea no gyinaeɛ. Ɔka kyerɛɛ owufoɔ no . "Aberanteɛ, mese wo , nyane!" 15 Aberanteɛ no sɔre tenaa ase na ɔkasaeɛ. Afei, Yesu de no maa ne maame.

16 Nnipa no nyinaa ho dwirii wɔn yie na wɔyii Onyankopɔn ayɛ kaa , "Odiyifoɔ kɛseɛ bi asɔre yɛn mu, na Onyankopɔn asiane aba ne manfoɔ mu." 17 Deɛ Yesu yɛeɛ yi ho asɛm trɛ kɔduruu Yudea ne nkuro a atwa ho ahyia no nyinaa mu.

Yohane Osubɔni

18 Yohane asuafoɔ kɔbɔɔ no deɛ asi no nyinaa ho amaneɛ. 19 Yohane somaa nʼasuafoɔ no mu baanu kɔɔ Yesu nkyɛn kɔbisaa no , "Wone deɛ ɔreba no, anaasɛ yɛntwɛn ɔfoforɔ?"

20 Asuafoɔ no duruu Yesu nkyɛn no, wɔka kyerɛɛ no , "Yohane Osubɔni asoma yɛn wo nkyɛn yɛmmɛbisa wo , wone deɛ ɔreba no anaasɛ yɛntwɛn ɔfoforɔ?"

21 Saa ɛberɛ no ara mu, Yesu saa nyarewa bebree; ɔtuu ahonhommɔne na ɔmaa anifirafoɔ hunuu adeɛ. 22 Yesu buaa wɔn . "Monkɔka deɛ moahunu na moate yi nkyerɛ Yohane , mema anifirafoɔ hunu adeɛ, mmubuafoɔ nante, mesa akwatafoɔ yadeɛ, asotifoɔ te asɛm, awufoɔ nyane, meka asɛmpa kyerɛ honhom mu ahiafoɔ. 23 Nhyira ne deɛ merenyɛ no suntidua."

Yesu Di Yohane Ho Adanseɛ

24 Yohane asuafoɔ no firii Yesu nkyɛn kɔeɛ no, Yesu dii Yohane ho adanseɛ kyerɛɛ nnipakuo no. Ɔbisaa wɔn , "Mokɔɔ ɛserɛ so no, ɛdeɛn na mohunuiɛ? Ɛserɛ a mframa rehim no anaa? 25 Na ɛnneɛ na ɛdeɛn na mohunuiɛ? Anaa na mosusu mobɛhunu ɔbarima bi a wahyehyɛ ɔhene ba te ahemfie? 26 Anaa Onyankopɔn odiyifoɔ? Ɛnneɛ, mereka makyerɛ mo , ɔsene odiyifoɔ. 27 Na saa Yohane yi na Atwerɛsɛm no ka fa ne ho ,

" Mɛsoma me ɔbɔfoɔ adi wʼanim ɛkan,

ɔno na ɔbɛsiesie ɛkwan ama wo.

28 Meka kyerɛ mo onipa biara nni a wɔawo no a ɔyɛ kɛse sene Yohane. Nanso, deɛ ɔyɛ aketewa koraa Ɔsoro Ahennie mu no ɔkɛseɛ sene no!"

29 Na wɔn a wɔtee deɛ ɔkaeɛ no nyinaa a ɔtogyefoɔ mpo ka ho bi gye too mu , Onyankopɔn ɔteneneeni; na wɔsakyeraa wɔn adwene maa Yohane bɔɔ wɔn asu. 30 Na Farisifoɔ ne Mmaranimfoɔ no deɛ, wɔpoo Onyankopɔn asɛm enti, wɔamma Yohane ammɔ wɔn asu.

31 Yesu bisaa wɔn , "Ɛdeɛn na menka mfa nnɛmmafoɔ yi ho; na ɛdeɛn ho na memfa wɔn ntoto? 32 Wɔte mmɔfra bi a wɔregoro agodibea na wɔn mu bi reka akyerɛ afoforɔ ,

" Yɛtoo anigyeɛ nnwom maa mo,

nanso moansa;

Yɛtoo awerɛhoɔ nnwom nso maa mo,

nanso moansu.

33 Yohane Osubɔni aba a ɔnnidi na ɔnnom nsã, nso mose, Ɔwɔ honhommɔne. 34 Onipa Ba no nso aba a ɔdidi na ɔnom a mose, Monhwɛ odidifoɔ ne ɔsanomfoɔ a ɔyɛ ɔtogyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ adamfo! 35 Nanso, wɔn a wɔdi Onyankopɔn akyi nokorɛ mu no deɛ, wɔn ɔbra di adanseɛ , nʼakwan nyinaa ."

Ɔbaa Debɔneyɛfoɔ Sra Yesu Aduhwam

36 Farisini bi frɛɛ Yesu adidie ma ɔpenee so kɔeɛ. 37 Ɔte redidi no, ɔbaa bi a ɔbu ɔbra bɔne kuro no mu tee ne nka no, ɔde aduhwam bi a ɛsom bo tumpan ma kɔɔ . 38 Ɔkotoo Yesu nan ase suiɛ, maa ne nisuo no fɔɔ Yesu nan ase. Afei, ɔde ne tirinwi pepaa nisuo no, sɔɔ ne nan de aduhwam no sraa ho.

39 Farisini a ɔfrɛɛ Yesu adidi no hunuu deɛ ɔbaa no yɛeɛ no, ɔkaa ne tirim , "saa onipa yi odiyifoɔ ampa ara a, anka ɔbɛhunu saa ɔbaa yi bu ɔbra bɔne."

40 Yesu hunuu Farisini no adwene ma ɔka kyerɛɛ no , "Simon, mewɔ asɛm bi ka kyerɛ wo."

Simon nso ka kyerɛɛ Yesu , "Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, ka ɛ."

41 Yesu ka kyerɛɛ no , "Osikani bi bɔɔ nnipa baanu bi bosea. Ɔmaa ɔbaako denare aha enum; ɛnna ɔbaako no nso ɔmaa no denare aduonum. 42 Wɔn mu biara antumi antua ne ka a ɔde no no enti, ɔde kyɛɛ wɔn. Wɔn mu hwan na wogye di ɔbɛpɛ osikani no asɛm yie?"

43 Simon buaa , "Megye di deɛ ɔde ne ka kɛseɛ kyɛɛ no no."

Yesu kaa , "Woabua no yie."

44 Afei, Yesu danee nʼani kyerɛɛ ɔbaa no bisaa Simon , "Woahunu saa ɔbaa yi? Mebaa wo fie, woamma me nsuo anhohoro me nan ase; nanso saa ɔbaa yi de ne nisuo ahohoro me nan ase, asane de ne tirinwi apepa. 45 Mebaeɛ yi, woanyɛ me atuu amfa amma me akwaaba; nanso ɛfiri ɛberɛ a ɔbaa yi bɛtoo me ha yi, ɔnnyaee me nan mu . 46 Woamfa ngo amfɔ me tirim; nanso ɔbaa yi de aduhwam a ɛsom bo asra me nan ase. 47 Yei enti mereka akyerɛ wo , deɛ ɔbaa yi ayɛ enti, wɔde ne bɔne a ɛdɔɔso no akyɛ no, ɛfiri , wayi ɔdɔ kɛseɛ bi adi akyerɛ. Na deɛ wɔde ne bɔne a ɛsua akyɛ no no, ne nso sua."

48 Afei, Yesu ka kyerɛɛ ɔbaa no , "Wɔde wo bɔne akyɛ wo."

49 Wɔn a ɔne wɔn te adidiiɛ no bisabisaa wɔn ho wɔn ho , "Hwan ne saa onipa yi a ɔtumi de bɔne kyɛ?"

50 Yesu ka kyerɛɛ ɔbaa no , "Wo gyidie agye wo nkwa. Fa asomdwoeɛ ."

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-