Mmaa A Wɔdii Yesu Akyiri
1 Yei akyi no, Yesu ne nʼasuafoɔ dumienu no kyinkyinii Galilea nkuro ne nkuraa bi ase kaa Onyankopɔn Ahennie no ho asɛm. 2 Ɔrekɔ no, nnipa a na wɔdi nʼakyi no bi ne Maria Magdalene a ɔtuu ahonhommɔne nson firii ne mu no, 3 ne Yohana a ɔyɛ Kusa, Herode efie sohwɛfoɔ panin yere, ne Susana. Saa mmaa yi ne afoforɔ bi na wɔfiri wɔn ahonya mu hwɛɛ Yesu ne nʼasuafoɔ.