Publicidade

Lucas 8

Mmaa A Wɔdii Yesu Akyiri

1 Yei akyi no, Yesu ne nʼasuafoɔ dumienu no kyinkyinii Galilea nkuro ne nkuraa bi ase kaa Onyankopɔn Ahennie no ho asɛm. 2 Ɔrekɔ no, nnipa a na wɔdi nʼakyi no bi ne Maria Magdalene a ɔtuu ahonhommɔne nson firii ne mu no, 3 ne Yohana a ɔyɛ Kusa, Herode efie sohwɛfoɔ panin yere, ne Susana. Saa mmaa yi ne afoforɔ bi na wɔfiri wɔn ahonya mu hwɛɛ Yesu ne nʼasuafoɔ.

Okuafoɔ Gu Aba

4 Ɛda bi a nnipa bebree bi firi nkuro nkuro so baa ne nkyɛn no, ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn abɛbuo mu , 5 "Ɛda bi, okuafoɔ bi kɔɔ nʼafuom kɔguu aba. Ɔguiɛ no, aba no bi kɔguu ɛkwan mu maa nnipa tiatiaa so na nnomaa bɛsosɔeɛ. 6 Ebi nso kɔguu abotan so, enti ɛfifiriiɛ no, ankyɛre na ne nyinaa hyeeɛ, ɛfiri , annya nsuo. 7 Aba no bi nso kɔguu nkasɛɛ mu. Ɛfifiriiɛ no, nkasɛɛ no kyekyeree no na ɛwuiɛ. 8 Ebi nso kɔguu asase pa mu, ɛnyiniiɛ, soo aba mmɔho ɔha."

Na ɔkaa yei no, ɔka kaa ho , "Deɛ ɔwɔ aso a ɔbɛtie no, ɔntie."

9 Na nʼasuafoɔ no bisaa no saa abɛbuo yi ase no, 10 ɔbuaa wɔn , "Mo deɛ, wɔde Onyankopɔn Ahennie ho ahintasɛm ama mo, na afoforɔ deɛ, wɔkasa kyerɛ wɔn abɛbuo mu,

" sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛhwɛ, nanso wɔrenhunu

na wɔbɛte, nanso wɔrente aseɛ.

Abɛbuo No Asekyerɛ

11 "Afei, abɛbuo no asekyerɛ ni. Aba no ne Onyankopɔn asɛm. 12 Aba a ɛguu ɛkwan mu no gyina ma wɔn a wɔate Onyankopɔn asɛm no na ɔbonsam bɛhwim firi wɔn akoma mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔrennye nni na wɔrennya nkwagyeɛ. 13 Aba a ɛguu abotan so no gyina ma wɔn a wɔte asɛm no na wɔde anigyeɛ mu, nanso ɛntim wɔn mu. Na ɛsiane wɔn gyidie a ɛsua no enti, ɛnkyɛre na asɛm no awu. Na sɔhwɛ ba wɔn so a, wɔpa aba. 14 Aba a ɛguu nkasɛɛ mu no gyina ma wɔn a wɔte Onyankopɔn asɛm, na wɔdi so, nanso asetena mu haw ne abɛbrɛsɛ, ahonya ne ewiase afɛfɛdeɛ enti, asɛm no ntumi nyɛ wɔn mu adwuma sɛdeɛ ɛsɛ. 15 Aba a ɛguu asase pa mu no gyina ma wɔn a wɔde akoma pa tie asɛmpa no, na wɔdi so, gyina pintinn de abrabɔ pa di ho adanseɛ.

Kanea Ho Ɛbɛ

16 "Obi nsɔ kanea na ɔmfa kɛntɛn mmutu so, anaa ɔmfa nhyɛ mpa ase na mmom, ɔde si kaneadua so na ahyerɛn ama wɔn a wɔba mu no. 17 Deɛ ahinta no bɛda adi, na deɛ ɛwɔ kɔkoam no nso ada dwa. 18 Enti deɛ motie no, montie no yie. Obiara a ɔwɔ no wɔbɛma no pii aka ho, na deɛ ɔnni ahe bi no, deɛ ɔsusu ɛyɛ ne dea no mpo, wɔbɛgye afiri ne nsam."

Yesu Maame Ne Ne Nuanom

19 Ɛda bi, Yesu maame ne ne nuanom pɛɛ wɔne no kasa, nanso ɛsiane nnipakuo a na wɔatwa ne ho ahyia no enti, wɔantumi ne no ankasa. 20 Obi kɔka kyerɛɛ Yesu ne maame ne ne nuanom gyina nkyɛn baabi rehwehwɛ no.

21 Yesu ka kyerɛɛ wɔn , "Me maame ne me nuanom ne wɔn a wɔtie Onyankopɔn asɛm na wɔdi so."

Yesu Brɛ Mframa A Ɛyɛ Den Ase

22 Ɛda bi a Yesu ne nʼasuafoɔ te kodoɔ mu no, ɔka kyerɛɛ wɔn , "Momma yɛntwa nkɔ asuogya nohoa." Wɔsiim a wɔrekɔ no, 23 Yesu daeɛ. Saa ɛberɛ no ara mu, mframa a ano den bi maa nsuo bɛtaa kodoɔ no mu maa kodoɔ no yɛɛ ɛremem. Yei maa asuafoɔ no akoma tuu yie.

24 Asuafoɔ no de hu ne nteateam nyanee no , "Awurade, Awurade, yɛremem!"

Amonom ara, Yesu sɔre teateaa mframa a ano den ne asorɔkye no ma ɛyɛɛ dinn.

25 Afei, ɔbisaa wɔn , "Adɛn na monni gyidie?" Wɔn nyinaa suroeɛ de ahodwirie bisabisaa wɔn ho wɔn ho . "Onipa bɛn ni a mframa a ano den ne asorɔkye mpo tie no yi?"

Yesu Tu Ɔbarima Bi Ahohommɔne

26 Yesu ne nʼasuafoɔ no twaa ɛpo no bɛduruu Gerasefoɔ asase a ɛne Galilea di nhwɛanimu no so. 27 Yesu firii kodoɔ no mu sii fam , ɔbarima bi a ahonhommɔne ahyɛ no ma akyɛre a ɔda adagya na ɔnte efie, na mmom ɔte amusieeɛ a aboda mu na ɔdeda no bɛhyiaa no. 28 Ɔhunuu Yesu no, ɔteaam, kotoo ne nan ase sane teateaam , "Yesu, Ɔsorosoro Onyankopɔn Ba, ɛdeɛn na wo ne me ? Mesrɛ wo, nyɛ me ayayadeɛ biara." 29 Ɔkaa saa asɛm yi, ɛfiri , na Yesu ateatea ahonhommɔne no wɔmfiri ne mu. Saa ahonhommɔne yi taa ka no na wɔde ahoma kyekyere ne nsa ne ne nan mpo a, ɔtumi tete mu ma ahonhommɔne no pam no wiram.

30 Yesu bisaa no , "Wo din de sɛn?"

Ɔbuaa no , "Ɛdɔm." Ɛfiri na ahonhommɔne ahyɛ no ma. 31 Ahohommɔne no srɛɛ Yesu ɔnnhyɛ wɔn mma wɔnkɔgu amanehunu bɔn no mu.

32 Saa ɛberɛ no mu na mprako bi redidi bepɔ no nkyɛn mu baabi. Ahohommɔne no srɛɛ Yesu ɔmma wɔn ho ɛkwan na wɔnkɔwura mprako no mu. Na ɔmaa wɔn ho kwan. 33 Enti ahonhommɔne no firii ɔbarima no mu kɔwuraa mprako no mu ma wɔbɔɔ kiridi, sianee bepɔ no kɔguu ɔtadeɛ no mu wuwuiɛ.

34 Wɔn a wɔhwɛ mprako no so no hunuu deɛ asi no, wɔde hu ne ahopopoɔ tutuu mmirika kɔbɔɔ amaneɛ kurom maa asɛm no trɛeɛ mpɔtam nyinaa. 35 Nnipa a wɔtee asɛm no bɔɔ twi kɔhwɛɛ deɛ asi. Wɔduruu deɛ Yesu no, wɔhunuu ɔbarima no ne ho atɔ no a ɔfira ntoma te Yesu nkyɛn. Nnipa no nyinaa ho dwirii wɔn. 36 Na wɔn a wɔhunuu ɛkwan a Yesu faa so saa ɔbarima no yadeɛ no bɔɔ wɔn a wɔbaa no amaneɛ. 37 Ehu hyɛɛ Gerasefoɔ a na wɔahyia no nyinaa ma ma wɔsrɛɛ Yesu ɔmfiri wɔn nkyɛn nkɔ. Yei enti, Yesu kɔtenaa kodoɔ no mu sane tware kɔɔ asuogya nohoa.

38 Ansa na Yesu rebɛfiri no, ɔbarima a ɔtuu ahonhommɔne firii ne mu no srɛɛ no ɔne no bɛkɔ. Nanso, Yesu ka kyerɛɛ no , 39 "na kɔdi deɛ Onyankopɔn ayɛ ama wo no ho adanseɛ kyerɛ wo manfoɔ." Ɔbarima no firii kɔdii anwanwadeɛ a Yesu ayɛ ama no no ho adanseɛ kyerɛɛ kurom hɔfoɔ nyinaa.

Yairo Babaa

40 Yesu duruu asuogya no, nnipakuo no de anigyeɛ hyiaa no kwan, ɛfiri , na wɔatwɛn no abrɛ. 41 Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yairo a na ɔyɛ Yudafoɔ hyiadan mu panin baa ne nkyɛn, bɛbuu no nkotodwe, srɛɛ no , ɔne no nkɔ ne fie 42 na ne babaa korɔ a wadi bɛyɛ mfeɛ dumienu reyɛ awu.

Ɛberɛ a Yesu rekɔ no na nnipakuo no kyere ne so. 43 Ɔbaa bi a mogya atu no mfirinhyia dumienu a obiara ntumi nsa no yadeɛ no, 44 firii Yesu akyi sɔɔ nʼatadeɛ ano. Amonom ara, mogya a ɛtu no no twaeɛ.

45 Yesu bisaa , "Hwan na ɔsɔɔ mʼatadeɛ ano no?"

Obiara buaa , ɛnyɛ ɔno. Yei maa Petro kaa , "Awurade, na nnipa no akyere wo so."

46 Yesu buaa no , "Dabi, obi asɔ mʼatadeɛ mu ɛfiri , mete nka tumi bi afiri me mu."

47 Ɔbaa no hunuu ɔhinta a ɛrenyɛ yie, ɛno enti, ɔde hu ne ahopopoɔ bɛbuu Yesu nkotodwe nnipa no nyinaa anim, kyerɛɛ no deɛ enti a ɔsɔɔ ne mu ne sɛdeɛ ne ho atɔ no no. 48 Yesu ka kyerɛɛ no , "Me ba, wo gyidie ama wo ho ayɛ wo den. Fa asomdwoeɛ ."

49 Yesu gu so rekasa no, obi firi Yairo efie bɛka kyerɛɛ Yairo , "Wo babaa no anya awu enti nha Ɔkyerɛkyerɛfoɔ no bio."

50 Yesu tee asɛm no, ɔsee Yairo , "Nsuro, gye di, na wo babaa no bɛnyane anya nkwa."

51 Ɔduruu efie no, wamma obiara anka ne ho ankɔ ɛdan a abɔfra no da mu no mu gye Petro, Yohane, Yakobo ne abɔfra no awofoɔ nko ara. 52 Na nnipa a wɔwɔ no nyinaa resu, di awerɛhoɔ. Yesu ka kyerɛɛ wɔn , "Monnsu, ɔnwuiɛ na wada."

53 Wɔseree no dii ne ho fɛw, ɛfiri , na wɔn deɛ, wɔnim pefee wawu. 54 Yesu sɔɔ ne nsa ka kyerɛɛ no , "Me ba, sɔre!" 55 Amonom ara, ɔsɔreeɛ na Yesu kaa wɔmma no biribi nni. 56 Nʼawofoɔ no ho dwirii wɔn yie nanso Yesu bɔɔ wɔn ano , wɔnnka deɛ asi no nkyerɛ obiara.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_12-11-46-