Pular para o conteúdo
Publicidade

Lucas 8

27 Yesu firii kodoɔ no mu sii fam , ɔbarima bi a ahonhommɔne ahyɛ no ma akyɛre a ɔda adagya na ɔnte efie, na mmom ɔte amusieeɛ a aboda mu na ɔdeda no bɛhyiaa no. 28 Ɔhunuu Yesu no, ɔteaam, kotoo ne nan ase sane teateaam , "Yesu, Ɔsorosoro Onyankopɔn Ba, ɛdeɛn na wo ne me ? Mesrɛ wo, nyɛ me ayayadeɛ biara." 29 Ɔkaa saa asɛm yi, ɛfiri , na Yesu ateatea ahonhommɔne no wɔmfiri ne mu. Saa ahonhommɔne yi taa ka no na wɔde ahoma kyekyere ne nsa ne ne nan mpo a, ɔtumi tete mu ma ahonhommɔne no pam no wiram.

30 Yesu bisaa no , "Wo din de sɛn?"

Ɔbuaa no , "Ɛdɔm." Ɛfiri na ahonhommɔne ahyɛ no ma. 31 Ahohommɔne no srɛɛ Yesu ɔnnhyɛ wɔn mma wɔnkɔgu amanehunu bɔn no mu.

32 Saa ɛberɛ no mu na mprako bi redidi bepɔ no nkyɛn mu baabi. Ahohommɔne no srɛɛ Yesu ɔmma wɔn ho ɛkwan na wɔnkɔwura mprako no mu. Na ɔmaa wɔn ho kwan. 33 Enti ahonhommɔne no firii ɔbarima no mu kɔwuraa mprako no mu ma wɔbɔɔ kiridi, sianee bepɔ no kɔguu ɔtadeɛ no mu wuwuiɛ.

34 Wɔn a wɔhwɛ mprako no so no hunuu deɛ asi no, wɔde hu ne ahopopoɔ tutuu mmirika kɔbɔɔ amaneɛ kurom maa asɛm no trɛeɛ mpɔtam nyinaa. 35 Nnipa a wɔtee asɛm no bɔɔ twi kɔhwɛɛ deɛ asi. Wɔduruu deɛ Yesu no, wɔhunuu ɔbarima no ne ho atɔ no a ɔfira ntoma te Yesu nkyɛn. Nnipa no nyinaa ho dwirii wɔn.

Veja também