Yairo Babaa
40 Yesu duruu asuogya hɔ no, nnipakuo no de anigyeɛ hyiaa no kwan, ɛfiri sɛ, na wɔatwɛn no abrɛ. 41 Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yairo a na ɔyɛ Yudafoɔ hyiadan mu panin baa ne nkyɛn, bɛbuu no nkotodwe, srɛɛ no sɛ, ɔne no nkɔ ne fie 42 na ne babaa korɔ a wadi bɛyɛ mfeɛ dumienu reyɛ awu.
Ɛberɛ a Yesu rekɔ no na nnipakuo no kyere ne so. 43 Ɔbaa bi a mogya atu no mfirinhyia dumienu a obiara ntumi nsa no yadeɛ no, 44 firii Yesu akyi sɔɔ nʼatadeɛ ano. Amonom hɔ ara, mogya a ɛtu no no twaeɛ.
45 Yesu bisaa sɛ, "Hwan na ɔsɔɔ mʼatadeɛ ano no?"
Obiara buaa sɛ, ɛnyɛ ɔno. Yei maa Petro kaa sɛ, "Awurade, na sɛ nnipa no akyere wo so."
46 Yesu buaa no sɛ, "Dabi, obi asɔ mʼatadeɛ mu ɛfiri sɛ, mete nka sɛ tumi bi afiri me mu."
47 Ɔbaa no hunuu sɛ ɔhinta a ɛrenyɛ yie, ɛno enti, ɔde hu ne ahopopoɔ bɛbuu Yesu nkotodwe wɔ nnipa no nyinaa anim, kyerɛɛ no deɛ enti a ɔsɔɔ ne mu ne sɛdeɛ ne ho atɔ no no. 48 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, "Me ba, wo gyidie ama wo ho ayɛ wo den. Fa asomdwoeɛ kɔ."
49 Yesu gu so rekasa no, obi firi Yairo efie bɛka kyerɛɛ Yairo sɛ, "Wo babaa no anya awu enti nha Ɔkyerɛkyerɛfoɔ no bio."
50 Yesu tee asɛm no, ɔsee Yairo sɛ, "Nsuro, gye di, na wo babaa no bɛnyane anya nkwa."
51 Ɔduruu efie hɔ no, wamma obiara anka ne ho ankɔ ɛdan a abɔfra no da mu no mu gye Petro, Yohane, Yakobo ne abɔfra no awofoɔ nko ara. 52 Na nnipa a wɔwɔ hɔ no nyinaa resu, di awerɛhoɔ. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, "Monnsu, ɔnwuiɛ na wada."
53 Wɔseree no dii ne ho fɛw, ɛfiri sɛ, na wɔn deɛ, wɔnim pefee sɛ wawu. 54 Yesu sɔɔ ne nsa ka kyerɛɛ no sɛ, "Me ba, sɔre!" 55 Amonom hɔ ara, ɔsɔreeɛ na Yesu kaa sɛ wɔmma no biribi nni. 56 Nʼawofoɔ no ho dwirii wɔn yie nanso Yesu bɔɔ wɔn ano sɛ, wɔnnka deɛ asi no nkyerɛ obiara.