Publicidade

Lucas 9

Dumienu No Soma

1 Ɛda bi Yesu frɛɛ Dumienu no hyiaeɛ maa wɔn tumi ne ahoɔden a wɔde bɛtu ahonhommɔne na wɔde asa nyarewa nso. 2 Afei, ɔsomaa wɔn wɔnkɔka Onyankopɔn Ahennie ho asɛm na wɔnsa nyarewa. 3 Na ɔka kyerɛɛ wɔn , "Mo akwantuo yi mu, mommfa biribiara nkɔ, ɛyɛ poma anaa akwantubɔtɔ, anaa aduane biara, anaa sika, anaa ntadeɛ mmienu mmienu. 4 Na mokɔ kuro bi mu a, efie biara a mobɛsoɛ mu no, ɛhɔ ara na montena kɔsi mobɛfiri kuro no mu. 5 mokɔ kuro biara mu na wɔannye mo, na morefiri akɔ a, momporoporo mo nan ase mfuturo mfa nkyerɛ , mo ne wɔn nni hwee bio." 6 Wɔfirii no, wɔkɔɔ nkuraaseɛ nkuraaseɛ kɔkaa asɛmpa no, saa nyarewa pii nso.

Herode Ɔhunu Yesu

7 Ɔmansinihene Herode tee deɛ Yesu ayɛ no nyinaa no, ɛhaa no yie, ɛfiri , na ebinom keka Yohane Osubɔni na wasɔre afiri awufoɔ mu, 8 na afoforɔ nso se ɛyɛ Elia anaa tete adiyifoɔ no mu baako na wasɔre afiri awufoɔ mu aba. 9 Herode kaa , "Yohane deɛ, matwa ne ti, na hwan koraa ne saa onipa yi a mete anwanwasɛm a ɛte sɛɛ yi fa ne ho yi?" Yei enti, ɔpɛɛ ɔhu no.

Yesu Ma Nnipa Mpemnum Aduane

10 Asomafoɔ no firii wɔn akwantuo mu baeɛ no, wɔbɔɔ nsɛm a ɛsisii nyinaa ho amaneɛ kyerɛɛ Yesu. Yei akyi, Yesu ne wɔn twee wɔn ho kɔɔ baabi a ɛbɛn Betsaida. 11 Nnipakuo no hunuu deɛ Yesu ne nʼasomafoɔ no no, wɔtii wɔn ma ɔgyee wɔn fɛw so, kaa Onyankopɔn Ahennie ho asɛm kyerɛɛ wɔn, saa ayarefoɔ yadeɛ.

12 Anim rebiribiri no, dumienu no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no , "Ka kyerɛ nnipa no na wɔnkɔ nkuro ne nkuraa a atwa yɛn ho ahyia yi mu nkɔpɛ deɛ wɔbɛdi ne deɛ wɔbɛda ɛfiri , baabi a yɛwɔ yi ɛserɛ so."

13 Yesu ka kyerɛɛ wɔn , "Mo ara momma wɔn biribi nni."

Wɔbuaa no , "Yɛwɔ burodo enum ne mpataa mmienu . Ɛno enti, gye yɛkɔtɔ aduane brɛ wɔn nyinaa." 14 Na nnipa bɛyɛ mpemnum na wɔahyia .

Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no , "Monhwɛ na nnipa no ntenatena ase aduonum aduonum." 15 Wɔyɛɛ sɛdeɛ Yesu kaeɛ no. 16 Afei, Yesu faa burodo enum no ne mpataa mmienu no na ɔhwɛɛ soro, hyiraa so, bubuu mu de maa nʼasuafoɔ no wɔnkyɛ mma nnipa no. 17 Obiara didi meeɛ. Afei, asuafoɔ no boaboaa deɛ wɔdi ma ɛkaeɛ no ano no, ɛyɛɛ nkɛntɛmma dumienu.

Petro Kyerɛ Onipa Ko A Yesu

18 Ɛda bi Yesu nko ara kɔhyɛɛ baabi bɔɔ mpaeɛ. Yei akyi no, ɔbisaa nʼasuafoɔ no , "Nnipa ka mene hwan?"

19 Wɔbuaa no , "Ebinom ka , woyɛ Yohane Osubɔni, ebinom nso ka Elia, na afoforɔ nso , woyɛ tete adiyifoɔ no baako a wasɔre afiri awufoɔ mu aba."

20 Yesu bisaa wɔn , "Na mo nso mose mene hwan?"

Petro buaa no , "Wone Kristo, deɛ Onyankopɔn asoma no no."

Yesu Hyɛ Ne Owuo Ho Nkɔm

21 Yesu bɔɔ wɔn ano wɔnnka nkyerɛ obiara. 22 Ɔtoaa so , "Ɛsɛ Kristo no hunu amane pii; Yudafoɔ mpanimfoɔ ne asɔfoɔ mpanin ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ nso bɛpo no. Akyire no, wɔbɛkum no, na ne nnansa so wasɔre."

23 Afei, ɔka kyerɛɛ wɔn nyinaa , "obi ɔdi mʼakyi a, ɔmpa ne ho akyi na daa ɔnsoa nʼasɛnnua na ɔnni mʼakyi. 24 Na obiara a ɔma nʼani ku ne ho sene me no, ɔbɛhwere ne nkwa; na deɛ me enti ɔbɛhwere ne nkwa no, ne nsa bɛka. 25 Na onipa nya ewiase yi mu nneɛma nyinaa na ɔhwere ne kra a, ɛdeɛn mfasoɔ na ɔbɛnya? 26 Na deɛ nʼani bɛwu me ne me nsɛm ho no, ɔno nso, da a me, Kristo bɛba me ne Agya no ne abɔfoɔ kronkron no animuonyam mu no, mʼani bɛwu ne ho.

27 "Na mereka akyerɛ mo , mo a mogyina ha yi mu bi a wɔrenwu kɔsi wɔbɛhunu Onyankopɔn Ahennie no."

Yesu Animuonyam Da Adi

28 Yesu kaa ne nsɛm yi wieeɛ no, ɛbɛyɛ nnawɔtwe akyi, ɔne Petro, Yohane ne Yakobo kɔɔ bepɔ bi so wɔrekɔbɔ mpaeɛ. 29 Na Yesu gu so rebɔ mpaeɛ no, nʼanimdua sesaeɛ, na nʼatadeɛ nso hyerɛneeɛ. 30 Prɛko , nnipa baanu a ɛyɛ Mose ne Elia ne no bɛkasaeɛ. 31 Saa nnipa baanu yi bɛpuee animuonyam mu kaa ne wuo a ɔbɛwu Yerusalem no ho asɛm kyerɛɛ no. 32 Saa ɛberɛ no na Petro ne nnipa a wɔka ne ho no adeda hatehatee na wɔnyanenyanee a wɔn ani so tetee wɔn no, wɔhunuu Yesu ɔwɔ nʼanimuonyam mu ne nnipa baanu bi a wɔka ne ho. 33 Na ɛbaa nnipa no refiri Yesu nkyɛn akɔ no, Petro ka kyerɛɛ Yesu , "Awurade, ɛyɛ yɛn nso yɛwɔ ha bi. Ma yɛmmɔ asese mmiɛnsa; wo deɛ baako, Mose deɛ baako na Elia nso deɛ baako." Na Petro nnim asɛm a ɔreka no.

34 Ɔgu so rekasa no, omununkum bɛkataa wɔn so ma wɔsuroeɛ. 35 Na nne bi firi omununkum no mu kaa , "Yei ne me Ba a mayi no. Montie no!" 36 Kasa yi akyi no, wohunuu aka Yesu nko ara na ɔgyina . Na mmerɛ no mu, wɔanka deɛ wɔhunuiɛ no ankyerɛ obiara.

Otwafoɔ Bi Ayaresa

37 Adeɛ kyeeɛ a wɔsiane firii bepɔ no so baeɛ no, nnipakuo bi bɛhyiaa Yesu. 38 Ɔbarima bi firi nnipakuo no mu teaam , "Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, mesrɛ wo, bra bɛhwɛ me ba a medi no ba korɔ ma me; 39 honhommɔne ba ne so a, amonom, ɔteaam, ɔtwa hwe, ɔsensene, nʼano pu ahuro, na ɔbu fa so, na ɛkyɛ ansa na afiri ne so. 40 Na mesrɛɛ wʼasuafoɔ no wɔntu honhommɔne no, nanso wɔantumi."

41 Yesu kaa , "Ao! Mo a monni gyidie, mentena mo nkyɛn na mennya mo ho boasetɔ nkɔsi da bɛn!" Afei, ɔdanee nʼani ka kyerɛɛ ɔbarima no , "Fa wo ba no bra ha."

42 Ɔde abɔfra no reba no, honhommɔne no twaa no hwee fam ma ɔsenseneeɛ. Nanso, Yesu teateaa honhommɔne no maa abɔfra no ho yɛɛ no den na ɔde no maa nʼagya. 43 Onyankopɔn tumi ne ne kɛseyɛ a ɛdaa adi honhommɔne no tu mu no maa nnipa no ho dwirii wɔn.

Na wɔredwennwene deɛ asi yi ho no, Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no , 44 "Montie asɛm a merebɛka yi yie. Wɔrebɛyi Onipa Ba no de no ahyɛ wɔn a wɔwɔ tumi no nsa." 45 Deɛ ɔkaeɛ yi na ɛyɛ ahintasɛm enti, asuafoɔ no ante aseɛ. Nanso, na wɔsuro wɔbɛbisa no aseɛ.

Deɛ Ɔyɛ Kɛseɛ Onyankopɔn Anim

46 Asuafoɔ no gyee akyinnyeɛ a ɛfa wɔn mu deɛ ɔbɛyɛ kɛse Onyankopɔn Ahennie mu no ho. 47 Na Yesu hunuu wɔn adwene no, ɔsɔɔ abɔfra bi mu de no bɛgyinaa ne nkyɛn pɛɛ, 48 na ɔka kyerɛɛ wɔn , "Obiara a ɔbɛgye saa abɔfra yi me din mu no, gye me; na deɛ ɔgye me no nso, gye deɛ ɔsomaa me no. Deɛ ɔyɛ aketewa mo nyinaa mu no, ɔno ne ɔkɛseɛ."

49 Yohane nso ka kyerɛɛ no , "Awurade, yɛhunuu obi a ɔnka yɛn ho ɔde wo din tu ahonhommɔne enti yɛbraa no."

50 Yesu ka kyerɛɛ no , "Ɛnsɛ anka mobra no, ɛfiri , deɛ ɔntia mo no, na ɔwɔ mo afa."

Samariafoɔ Bi Po Yesu

51 Na ɛberɛ a ɛsɛ Yesu sane ɔsoro no rebɛn no, ɔsii ne bo ɔbɛkɔ Yerusalem. 52 Ansa na ɔrebɛkɔ no, ɔsomaa nnipa bi dii ɛkan kɔɔ Samaria akuraa bi ase wɔnkɔsiesie baabi mma no. 53 Nanso, Samariafoɔ no annye Yesu, ɛfiri , wɔhunuu na ɔrekɔ Yerusalem. 54 Asuafoɔ no tee deɛ aba no, Yakobo ne Yohane bisaa Yesu , "Awurade, wopɛ yɛma ogya firi ɔsoro bɛhye wɔn pasaa anaa?" 55 Yesu danee nʼani kyerɛɛ wɔn kaa wɔn anim, 56 na wɔfirii kɔɔ akuraa foforɔ bi ase.

Kristo Akyiridie Mu Brɛ

57 Ɛberɛ a wɔrekɔ no, ɔbarima bi baa Yesu nkyɛn bɛka kyerɛɛ no , "Baabiara a wobɛkɔ no, mɛdi wʼakyi."

58 Yesu buaa no , "Sakraman abɔn, ewiem nnomaa nso mpirebuo, nanso me, Onipa Ba no deɛ, menni baabi a mede me tiri to!"

59 Yesu ka kyerɛɛ ɔbarima foforɔ bi nso , "Bɛdi mʼakyiri."

Nanso, ɔbarima no kaa , "Awurade, ma me ɛkwan na menkɔsie mʼagya ansa."

60 Yesu ka kyerɛɛ no , "Ma wɔn a wɔte ase na wɔawu honhom mu no nyɛ saa nnwuma no, na wo deɛ, kɔka Onyankopɔn Ahennie no ho asɛm kyerɛ amanaman nyinaa."

61 Na ɔfoforɔ nso kaa , "Awurade, mɛdi wʼakyi; nanso ma me kwan na me ne mʼabusuafoɔ nkɔdi nkra ansa."

62 Nanso, Yesu ka kyerɛɛ no , "Obiara a ɔbɛma nʼadwene ayɛ no ntanta dwumadie bi a mede ahyɛ ne nsa no ho no, mfata Onyankopɔn Ahennie no."

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-28_14-13-17-