Publicidade

Lamentações 4

1 Sɛdeɛ sikakɔkɔɔ a anka ɛhyerɛn no nie?

Sikakɔkɔɔ amapa no ho abiri!

Wɔatoto aboɔdemmoɔ kronkron apete

mmɔntene biara so.

2 Hwɛ sɛdeɛ Sion mmammarima a wɔdi mu

na anka wɔsom bo sika kɔkɔɔ no ayɛ,

seesei wɔfa wɔn dɔteɛ nkukuo,

ɔnwomfoɔ nsa ano adwuma!

3 Mpo sakraman yi wɔn nufoɔ

ma wɔn mma enum,

nanso me nkurɔfoɔ ayɛ atirimuɔdenfoɔ

sohori a ɔwɔ ɛserɛ so.

4 Osukɔm enti, akokoaa tɛkrɛma

fam ne dodo mu;

mmɔfra no su aduane,

nanso obiara mfa mma wɔn.

5 Wɔn a na anka wɔdi nnuane pa no

ohia buruburo aka wɔn mmɔntene so.

Wɔn a wɔde serekye tetee wɔn no

seesei wɔdeda nso nkɔfie so.

6 Me nkurɔfoɔ asotwe

so sene Sodom a

wɔtuu wɔn mpofirim no deɛ,

a wɔannya ɔboafoɔ biara no.

7 Na wɔn ahenemma ho twa sene sukyerɛmma,

na wɔhoa sene nufosuo,

na wɔn onipadua no bere na ɛwɔ ahoɔden te abohemaa,

na wɔte aboɔdemmoɔ.

8 Nanso, seesei deɛ, wɔbiri sene wisiapunu;

na wɔnhunu wɔn yie mmɔntene so.

Wɔn wedeɛ atwintwam wɔn nnompe so;

ɛho awo wesee abaa.

9 Wɔn a wɔtotɔ akofena ano no koraa

sene wɔn a ɛkɔm kunkumm wɔn;

ɛkɔm tware wɔn, ma wɔwuwu

ɛsiane aduane a ɛnni mfuo so enti.

10 Mmaa a wɔwɔ ayamhyehyeɛ

de wɔn nsa anoa wɔn ankasa mma,

ayɛ wɔn aduane

ɛberɛ a wɔsɛee me nkurɔfoɔ no.

11 Awurade ada nʼabufuhyeɛ nyinaa adi;

wahwie nʼabufuo a ano den no.

Ɔsɔɔ ogya ano Sion

ma ɛhyee ne fapem.

12 Asase so ahemfo annye anni,

ewiase mu nnipa nso annye anni

atamfoɔ bɛtumi ahyɛne

Yerusalem apono mu.

13 Nanso ɛsiiɛ, nʼadiyifoɔ no bɔne

ne nʼasɔfoɔ amumuyɛ enti,

wɔn na wɔhwiee teneneefoɔ mogya

guu kuropɔn no mu.

14 Afei wɔkeka mmɔntene so

te nnipa a wɔn ani afira.

Mogya a ama wɔn ho agu fi no enti

obiara suro ɔde ne ho bɛka wɔn ntadeɛ.

15 Nnipa teateaam gu wɔn so , "Momfiri ha nkɔ! Mo ho nnte!

Monkɔ, monkɔ! Mommfa mo ho nka yɛn."

wɔdwane kɔnenam a

amanaman no mu nnipa ka ,

"Wɔrentumi ntena ha bio."

16 Awurade ankasa abɔ wɔn ahwete;

nʼani nni wɔn so bio.

Wɔmmfa anidie mma asɔfoɔ,

na wɔn ani nnsɔ mpanimfoɔ.

17 Deɛ ɛka ho bio, yɛn ani anni ammoa yɛn,

yɛpɛɛ yɛbɛnya mmoa, nanso ɛyɛɛ ɔkwa;

yɛfiri yɛn abantenten so de yɛn ani too

ɔman a wɔrentumi nnye yɛn so.

18 Nnipa dii yɛn ntɛntɛ yɛn anammɔntuo mu,

enti yɛantumi annante yɛn mmɔntene so.

Yɛn awieeɛ bɛneeɛ, na wɔkanee yɛn nna,

ɛfiri na yɛn awieeɛ aduru so.

19 Yɛn ataafoɔ ho hare

sene akɔdeɛ a wɔwɔ ewiem;

wɔtaa yɛn faa mmepɔ so

na wɔtɛɛ yɛn ɛserɛ so.

20 Deɛ Awurade asra no ngo, yɛn ankasa yɛn nkwa no,

ɔtɔɔ wɔn mfidie mu.

Yɛgye dii ne nwunu ase

yɛbɛnya nkwa amanaman no mu.

21 Di ahurisie na ma wʼani nnye, Ao Edom Ɔbabaa,

wo a wote Us asase so.

Wɔde kuruwa no bɛma wo nso bi;

wobɛboro na wɔabɔ wo adagya.

22 Ao Ɔbabaa Sion, wʼasotwe bɛba awieeɛ;

ɔremma wonkɔ so ntena nnommumfa mu.

Nanso, Ao Ɔbabaa Edom, ɔbɛtua wo bɔne so ka

na wada wʼamumuyɛ adi.

Veja também

Lamentações
Ver todos os capítulos de Lamentações
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-