Publicidade

Lamentações 5

1 Ao Awurade, kae deɛ aba yɛn so;

hwɛ, na hunu yɛn animguaseɛ.

2 Wɔadane yɛn agyapadeɛ ama ahɔhoɔ,

wɔde yɛn afie ama ananafoɔ.

3 Yɛayɛ nwisiaa na yɛnni agyanom,

yɛn maamenom ayɛ akunafoɔ.

4 Ɛsɛ yɛtɔ nsuo a yɛnom;

yɛbɛnya nnyina a, gye yɛtɔ.

5 Wɔn a wɔtaa yɛn no abɛn yɛn pɛɛ;

Yɛabrɛ na yɛnnya ahomegyeɛ.

6 Yɛde yɛn ho maa Misraim ne Asiria

sɛdeɛ yɛbɛnya aduane a ɛbɛso yɛn.

7 Yɛn agyanom yɛɛ bɔne, na wɔnni bio,

na yɛn na wɔn asotwe abɛda yɛn so.

8 Nkoa di yɛn so,

na obiara nni a ɔbɛgye yɛn afiri wɔn nsam.

9 Yɛde yɛn nkwa afɔdeɛ de yɛn anoduane,

akofena a ɛwɔ ɛserɛ so no enti.

10 Yɛn honam adɔ fononoo.

Ɛkɔm ama huraeɛ abɔ yɛn.

11 Wɔato mmaa monnaa Sion,

ne mmaabunu a wɔwɔ Yuda nkuro so.

12 Wɔkyekyere mmapɔmma nsa na wɔasɛn wɔn;

wɔmmfa anidie mma mpanimfoɔ.

13 Mmeranteɛ adwuma den ayuoyammoɔ so;

na mmerantewaa nan toto nnyina duruduru ase.

14 Mpanimfoɔ ntena kuropɔn apono ano bio;

mmeranteɛ agyae wɔn nnwontoɔ.

15 Ahosɛpɛ afiri yɛn akoma mu;

yɛn asa adane agyaadwotwa.

16 Ahenkyɛ afiri yɛn tiri so.

Yɛn ara, yɛnnue yɛayɛ bɔne!

17 Yei enti yɛn akoma atɔ piti,

yeinom enti yɛn ani so ayɛ kusuu

18 Sion bepɔ a ada mpan

na sakraman nenam soɔ no enti.

19 Wo, Ao Awurade, di ɔhene afebɔɔ;

wʼahennwa firi awoɔ ntoatoasoɔ kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ.

20 Adɛn enti na wo werɛ firi yɛn daa yi?

Adɛn enti na wagya yɛn mmerɛ tenten mu yi?

21 Ka yɛn bata wo ho bio, Ao, Awurade, na yɛatumi aba wo nkyɛn;

yɛn nna foforɔ tete no

22 agye wapo yɛn koraa

anaa wo bo afu yɛn mmorosoɔ.

Veja também

Lamentações
Ver todos os capítulos de Lamentações
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_12-11-46-