4 Wɔbuaa sɛ, "Mose kaa sɛ ɛyɛ sɛ wɔgyae awadeɛ. Nʼasɛm a ɔkaeɛ ne sɛ, sɛ ɔbarima bi pɛ sɛ ɔgyaa ne yere awadeɛ a, ɔntwerɛ awaregyaeɛ krataa mfa mma ne yere no."
5 Yesu bisaa wɔn sɛ, "Adɛn enti na ɔkaa saa? Merebɛkyerɛ mo deɛ enti a ɔkaa saa. Esiane mo akoma a apirim no enti na ɔkaa saa kyerɛɛ mo. 6 Ɛfiri adebɔ ahyɛaseɛ na Onyankopɔn bɔɔ ɔbarima ne ɔbaa. 7 Yei enti na ɔbarima bɛgya nʼagya ne ne maame, 8 na ɔde ne ho akɔbɔ ne yere ho, na wɔn baanu no ayɛ honam korɔ. 9 Na deɛ Onyankopɔn aka abom no, ɛnsɛ sɛ onipa tete mu."