Pular para o conteúdo
Publicidade

Atemmufoɔ 8

Gideon Kum Seba Ne Salmunna

1 Afei, Efraimfoɔ no bisaa Gideon , "Adɛn enti na woyɛ yɛn saa? Adɛn enti na worekɔko atia Midian kane no, woamfrɛ yɛn?" Na wɔne Gideon kasaa anibereɛ so.

2 Na Gideon buaa wɔn , "Ɛdeɛn na mayɛ a mede bɛtoto mo ho? Na Efraim bobe aba a ɛka twaberɛ akyi no nyɛ nsene Abieser bobe a wɔnteeɛ nyinaa? 3 Onyankopɔn ma modii Oreb ne Seeb a na wɔyɛ Midian asahene no so. Ɛdeɛn na matumi ayɛ a ɛsɛ yei?" Efraim mmarima no tee Gideon mmuaeɛ no, wɔn bo tɔɔ wɔn yam.

4 Gideon ne ne mmarima ahasa no twaa Asubɔnten Yordan, ɛwom na wɔabrɛ deɛ, nanso wɔtoaa so taa atamfoɔ no. 5 Wɔduruu Sukot no, Gideon ka kyerɛɛ ntuanofoɔ a wɔwɔ no , "Momma mʼakofoɔ no aduane nni na wɔabrɛ. Meretaa Midian ahemfo Seba ne Salmuna."

6 Na Sukot ntuanofoɔ no buaa , "Kyere Seba ne Salmuna ansa na yɛama wʼakofoɔ no aduane adi."

7 Gideon buaa , "Awurade ma medi Seba ne Salmuna so nkonim a, mɛsane aba de ɛserɛ so nkasɛɛ ne akraateɛ abɛsunsuane mo honam ani."

8 Na Gideon firii kɔɔ Penuel8.8 Penuel yɛ baabi a Yakob ne Onyankopɔn peree so no. kɔsrɛɛ aduane bio, na ɔnyaa mmuaeɛ korɔ no ara. 9 Na ɔka kyerɛɛ Penuelfoɔ no , "mefiri nkonimdie mu ba a, mɛbubu saa abantenten yi."

10 Saa ɛberɛ yi na Seba ne Salmuna ne akofoɔ mpem dunum Karkor, aboafoɔ a wɔfiri apueeɛ fam a na emu ɔpeha aduonu atotɔ dada no nkaeɛfoɔ. 11 Gideon faa atutenafoɔ ɛkwan a ɛda Noba ne Yogbeha apueeɛ fam no ho hyiaeɛ, na wɔto hyɛɛ Midian akodɔm a na wɔn ani nna wɔn ho soɔ no so. 12 Midian ahemfo baanu a wɔn din de Seba ne Salmuna no dwaneeɛ, nanso Gideon taa wɔn faa wɔn akofoɔ nyinaa nnommum.

13 Yei akyi no, Yoas ba Gideon faa Heres kwantempɔn so saneeɛ. 14 Ɛhɔ na ɔkyeree aberanteɛ bi a ɔfiri Sukot. Ɔhyɛɛ no ɔntwerɛ nnipa aduɔson nson a wɔyɛ sodifoɔ ne ntuanofoɔ a wɔwɔ kuro no mu no din mma no. 15 Afei, Gideon sane kɔɔ Sukot kɔka kyerɛɛ ɛhɔ ntuanofoɔ no , "Seba ne Salmuna nie. Yɛbaa ha no modii me ho , kaa , Kyere Seba ne Salmuna ansa na yɛama wʼakofoɔ a wɔabrɛ no aduane adi.’ " 16 Afei Gideon faa kuro no mu ntuanofoɔ kyerɛɛ wɔn nyansa. Ɔde ɛserɛ so nkasɛɛ ne akraateɛ twee wɔn aso. 17 Ɔsane dwirii Penuel abantenten no guu fam, kunkumm kuro no mu mmarima nyinaa.

18 Afei, ɔbisaa Seba ne Salmuna , "Mmarima a mokumm wɔn Tabor no, na wɔte sɛn?"

Wɔbuaa , "Mmarima no te wo. Na wɔn mu biara te ɔheneba."

19 Gideon ka kyerɛɛ wɔn , "Na wɔyɛ me nuanom. Awurade te ase yi, moankum wɔn a, anka me nso merenkum mo."

20 Ɔdanee nʼani kyerɛɛ ne babarima panin Yeter , "Ku wɔn." Nanso Yeter antwe nʼakofena, ɛfiri , na ɔyɛ abarimaa enti na ɔsuro.

21 Seba ne Salmuna ka kyerɛɛ Gideon , "Mma abarimaa nyɛ ɔpanin adwuma! Wo ankasa !" Enti, Gideon kumm wɔn baanu, faa adehyeɛ agudeɛ a ɛsensɛn wɔn yoma kɔn mu no.

Gideon Asɔfotadeɛ Kronkron No

22 Na Israelfoɔ no ka kyerɛɛ Gideon , "Di yɛn so ɔhene. Wo ne wo babarima ne wo nana bɛyɛ yɛn ahemfo, ɛfiri , woagye yɛn afiri Midianfoɔ nsam."

23 Nanso, Gideon buaa , "Merenni mo so ɔhene na me babarima nso renni mo so ɔhene. Awurade na ɔbɛdi mo so." 24 Mmom Gideon ka kyerɛɛ wɔn , mewɔ adebisa baako. "Mo mu biara mma me asomuadeɛ baako a mofa firii asadeɛ a monya firii mo atamfoɔ a modii wɔn so no nkyɛn." (Atamfoɔ a na wɔyɛ Ismaelfoɔ no na obiara hyɛ sikakɔkɔɔ asomuadeɛ).

25 Wɔbuaa , "Yɛpene so dodo." Wɔde akatasoɔ sɛɛ fam. Na obiara de ne sikakɔkɔɔ asomuadeɛ a ɔnyaeɛ bɛguu so. 26 Na sikakɔkɔɔ asomuadeɛ dodoɔ a wɔnyaeɛ no karii kilogram aduonu a asrane nketewa ne kɔnmuadeɛ, Midian ahemfo adehyeɛ ahyehyɛdeɛ ne nkɔnsɔnkɔnsɔn a ɛgu wɔn yoma kɔn mu nka ho. 27 Gideon de yɛɛ asɔfotadeɛ kronkron na ɔde sii kuro Ofra, ne kurom, mu. Nanso, ankyɛre na Israelfoɔ no kɔsom no de guu wɔn ho fi na ɛdanee afidie maa Gideon ne ne fiefoɔ.

28 Yei ne abasɛm a ɛkyerɛ sɛdeɛ Israelfoɔ dii Midianfoɔ so nkonim a wantumi ansɔre bio. Gideon nna a ɛtwa toɔ bɛyɛ mfeɛ aduanan mu no, na asomdwoeɛ asase no so.

29 Afei, Yoas babarima Yerub-Baal sane kɔɔ ne kurom. 30 Na ɔwɔ yerenom bebree enti ɔwoo mmammarima aduɔson. 31 Na ɔwɔ mpena nso Sekem a ɔne no woo ɔbabarima, too ne din Abimelek. 32 Gideon wuiɛ no na wanyini yie. Na wɔsiee no nʼagya Yoas damena mu Ofra Abieserfoɔ abusuasase so.

33 Gideon wuiɛ ara , Israelfoɔ no kɔsom Baal ahoni, de bɔɔ wɔn ho ahohwi. Wɔnam so yɛɛ Baal-Berit8.33 Baal-Berit yɛ onyame bi a na nʼasɔredan si Sekem. wɔn nyame. 34 Wɔn werɛ firii Awurade, wɔn Onyankopɔn a ɔgyee wɔn firii wɔn atamfoɔ a wɔatwa wɔn ho ahyia no nsam no. 35 Na mpo, wɔanni nokorɛ ankyerɛ Yerub-Baal (a ɔne Gideon) fiefoɔ nneɛma pa a ɔyɛ maa Israelfoɔ no ho.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também