Pular para o conteúdo
Publicidade

Atemmufoɔ 15

Samson Aweretɔ Filistifoɔ So

1 Akyire yi, ayuotwaberɛ mu no, Samson faa abirekyie ba ɔde rekɔkyɛ ne yere. Ɔpɛɛ anka ɔkɔda ne nkyɛn nanso, ɔbaa no agya amma no mu ɛkwan.

2 Ɔbaa no agya no kaa , "Medwenee na wotan no, ɛno enti, mede no ama ɔbarima a na ɔdi wʼanan ase mo ayeforɔhyia mu no. Nanso, hwɛ ne nuabaa ho sen no. Ware no si anan."

3 Samson kaa , "Saa ɛberɛ yi, obiara rentumi mmɔ me soboɔ biribiara a merebɛyɛ mo Filistifoɔ ho." 4 Afei ɔfiri kɔeɛ, kɔkyeree asakraman ahasa. Ɔkyekyeree sakraman mmienu mmienu dua bɔɔ ho. Mmienu biara nso, ɔkyekyeree ogyatɛn fam ho. 5 Ɔsɔɔ ogyatɛn no na ɔmaa asakraman no tuu mmirika faa Filistifoɔ mfuo mu. Ɔhyee wɔn ayuo nyinaa pasaa; deɛ wɔahyehyɛ no apa so ne deɛ wɔnntwaeɛ nyinaa. Ɔsɛee wɔn bobefuo ne ngo nnua nyinaa.

6 Filistifoɔ no bisaa , "Na hwan na ɔyɛɛ saa amumuyɛ yi?" Wɔn ara buaa , "Ɛyɛ Samson ɛfiri , nʼase barima a ɔfiri Timna de Samson yere ama ɔbarima a na ɔdi ne nan ase wɔn ayeforɔhyia mu no awadeɛ." Enti, Filistifoɔ kɔkyeree ɔbaa no ne nʼagya hyee wɔn ma wɔwuiɛ.

7 Samson suaee , "Esiane deɛ moayɛ yi enti, mɛtua mo so ka na merennyae ara da kɔsi me bo bɛtɔ me yam!" 8 Enti, ɔde abufuo kɔto hyɛɛ Filistifoɔ no so kunkumm wɔn mu bebree. Afei, ɔkɔtenaa ɔbodan bi a ɛwɔ ɔbotan bi mu Etam.

9 Filistifoɔ no nso kyeree sraban Yuda sɛee Lehi kuro no de tuaa ne so ka. 10 Yuda mmarima bisaa Filistifoɔ no , "Adɛn enti na moto hyɛ yɛn so saa?"

Filistifoɔ no buaa , "Yɛaba yɛrebɛkyere Samson. Deɛ ɔyɛɛ yɛn no, yɛrebɛtua no so ka." 11 Enti, Yudafoɔ mpensa kɔɔ ɔbodan a ɛwɔ ɔbotan mu Etam no wɔrekɔkyere Samson. Wɔka kyerɛɛ Samson , "Wonnim Filistifoɔ na wɔdi yɛn so? Ɛdeɛn na woreyɛ yɛn yi?"

Nanso, Samson buaa wɔn , "Deɛ wɔyɛɛ me no na metuaa wɔn so ka."

12 Nanso, Yuda mmarima ka kyerɛɛ no , "Yɛaba yɛrebɛkyekyere wo na yɛde wo akɔma Filistifoɔ."

Samson kaa , "Ɛyɛ, nanso, monhyɛ me mo ankasa deɛ, morenkum me."

13 Wɔbuaa , "Yɛbɛkyekyere wo de wo akɔma Filistifoɔ. Yɛrenkum wo." Enti, wɔde ahoma foforɔ mmienu guu ne so kyekyeree no pampee, twee no firii ɔbotan no mu.

14 Samson duruu Lehi no, Filistifoɔ no bɔɔ ose. Na Awurade Honhom tumi mu ahoɔden baa Samson so. Ɔtetee nhoma a ɛgu ne nsa so no mu te nhoma nketewa bi a ogya aka, maa ne nyinaa tete firii nʼabakɔn guu fam. 15 Afei, ɔmaa afunumu apantan bi a na ɛda fam so de kunkumm Filistifoɔ apem. 16 Na Samson kaa ,

"Mede afunumu apantan,

Ahɔre wɔn esie!

Mede afunumu apantan,

akunkum mmarima apem!"

17 Na ɔwiee kasa no, ɔtoo apantan no tweneeɛ. Na wɔtoo beaeɛ edin Ramat-Lehi a aseɛ ne Apantan bepɔ.

18 Ɛbaa osukɔm dee Samson yie enti ɔsu frɛɛ Awurade , "Wonam wʼakoa ahoɔden so adi saa nkonim kɛseɛ yi. Na enti osukɔm nku me, na mentɔ saa abosonsomfoɔ yi nsam?" 19 Enti, Awurade maa nsuo pue firii tokuro bi mu Lehi asase so baabi. Na Samson nom bi no, ne ho sanee no. Na ɔtoo din En-Hakore, na ɛda so Lehi de bɛsi ɛnnɛ.

20 Samson yɛɛ Israel so ɔtemmufoɔ mfeɛ aduonu ɛberɛ a na Filistifoɔ di Israel asase so no.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também