Pular para o conteúdo
Publicidade

Atemmufoɔ 19

Lewini Ne Ne Mpena

1 Saa ɛberɛ no na Israel nni ɔhene. Na ɔbarima bi a ɔfiri Lewi abusuakuo mu te Efraim bepɔ asase no so akyirikyiri baabi. Ɛda bi, ɔde ɔbaa bi firi Betlehem a ɛwɔ Yuda baa fie ne mpena. 2 Nanso, ɔbaa no anni no nokorɛ enti ɔsane kɔɔ nʼagya fie Betlehem. Abosome ɛnan akyi, 3 ne kunu no faa ɔsomfoɔ ne afunumu foforɔ kaa ne ho kɔɔ Betlehem ɔde rekɔkorɔkorɔ no na wasane nʼakyi aba. Ɔduruu ɔbaa no agya fie no, ɔde no kɔɔ efie no mu maa nʼagya no gyee no so. 4 Ɔbaa no agya ka kyerɛɛ no ɔntena nkyɛ kakra. Enti, ɔdii nnansa, didiiɛ, nomeeɛ, daa .

5 Ne nna ɛnan so no, ɔbarima no sɔree anɔpa, pɛɛ ɔkɔ. Nanso, ɔbaa no agya ka kyerɛɛ no , "Didi ansa na woakɔ." 6 Enti, wɔn baanu no tenaa ase didiiɛ, nomeeɛ. Afei, ɔbaa no agya ka kyerɛɛ no , "Mesrɛ wo, da anadwo yi na gye wʼani." 7 Ɔbarima no sɔree anka ɔrekɔ, nanso, nʼase no hyɛɛ no ɔntena. Enti, ɔpenee so daa anadwo no. 8 Nnanum so anɔpa no, ɔsɔree bio a ɔpɛɛ ɔkɔ. Nanso, bio, ɔbaa no agya kaa , "Didi ansa, na awiam kakra no wobɛtumi akɔ." Enti, wɔsane didii bio.

9 Awia no, ɔbarima no ne ne mpena no ne ne ɔsomfoɔ boaboaa wɔn ho pɛɛ wɔkɔ. Nanso, nʼase no ka kyerɛɛ no , "Montie! Adeɛ reyɛ asa. Montena na monnye mo ani anadwo yi. Ɔkyena mobɛtumi asim anɔpahema."

10 Nanso, afei deɛ ɔbarima no pɛɛ ɔbɛkɔ. Enti ɔfaa ne mfunumu mmienu a wɔahyehyɛ wɔn no ne mpena no, na wɔde wɔn ani kyerɛɛ Yebus (a ɛyɛ Yerusalem). 11 Ɛberɛ a wɔduruu Yebus no na adeɛ reyɛ asa, na ɔsomfoɔ no ka kyerɛɛ ne wura no , "Adeɛ reyɛ asa, enti momma yɛnna Yebusifoɔ kuropɔn yi mu anadwo yi."

12 Ne wura no buaa , "Dabi, yɛrentumi ntena ananafoɔ kuropɔn a Israelfoɔ nni mu yi mu. Yɛbɛtoa so akɔ Gibea. 13 Yɛbɛnya daberɛ anadwo yi Gibea anaa Rama." 14 Enti, wɔtoaa so. Wɔrebɛduru kuro Gibea a ɛwɔ Benyamin asase so no, na owia rekɔtɔ, 15 Enti wɔdaa anadwo no. Wɔdaa kuro no abɔntene kɛseɛ so, na obiara amfa wɔn ankɔ fie ankɔsom wɔn hɔhoɔ.

16 Anwummerɛ no, akɔkoraa bi firii nʼafuom baa fie. Na ɔfiri Efraim bepɔ asase so, nanso na ɔte Gibea Benyamin asase so. 17 Ɛberɛ a ɔhunuu akwantufoɔ yi wɔtete kuro no abɔntene kɛseɛ so no, ɔbisaa wɔn baabi a wɔfiri ne baabi a wɔrekorɔ.

18 Ɔbarima no buaa no , "Yɛfiri Betlehem a ɛwɔ Yudea na yɛrekɔ Efraim bepɔ asase no so kuro bi a ɛwɔ akyirikyiri, na yɛrekɔ Awurade Asɔrefie. Nanso obiara amfa yɛn ankɔ ne fie ankɔpɛ yɛn daberɛ, 19 ɛwom yɛwɔ deɛ ɛhia yɛn biara. Yɛwɔ ɛserɛ ne aduane a yɛde bɛma yɛn mfunumu; yɛwɔ burodo ne nsã."

20 Akɔkoraa no kaa , "Mommra mmɛsoɛ me. Mɛma mo biribiara a ɛbɛhia mo. Na mmom, anadwo yi deɛ, ɛnsɛ moda abɔntene kɛseɛ so ." 21 Enti, ɔfaa wɔn de wɔn kɔɔ ne fie, na ɔmaa wɔn mfunumu no aduane. Wɔhohoroo wɔn nan ase wieeɛ no, wɔbɔɔ mu didiiɛ.

22 Ɛberɛ a wɔregye wɔn ani no, kuro no mu nnipa bɔnefoɔ bi bɛtwaa fie no ho hyiaeɛ. Wɔhyɛɛ aseɛ pempem ɛpono no teateaam guu akɔkoraa no so , "Fa ɔbarima a wabɛsoɛ wo no ma yɛn sɛdeɛ yɛbɛtumi ne no ada."

23 Akɔkoraa no firi baeɛ, bɛkasa kyerɛɛ wɔn , "Dabi, anuanom, monnyɛ bɔne a ɛte saa. Saa ɔbarima yi me hɔhoɔ na moyɛ saa a, ɛbɛyɛ animguaseɛ. 24 Me babaa ɔbaabunu ne ɔbarima yi mpena nie. Mede wɔn bɛma mo. Na deɛ mopɛ biara no monyɛ wɔn. Na mo ne saa ɔbarima yi nyɛ saa animguasedeɛ yi."

25 Nanso, wɔantie no. Enti, Lewini no faa ne mpena no piaa no firii adi. Na kuro no mu mmarima no faa no nnidisoɔ nnidisoɔ kɔsii adekyeeɛ. Ahemadakye no na wɔgyaa no ma ɔkɔeɛ. 26 Ɔbaa no kɔduruu fie a ne kunu no te mu no ɛpono ano ara na ɔtɔɔ mum. Ɔdaa ara kɔsii anim teteeɛ.

27 Ɛberɛ a ne kunu buee ɛpono ɔrepue na ɔhunuu ɔda . Na nʼanim butu a ne nsa gu aponnwa no so. 28 Ɔhunuu no no, ɔkaa , "Sɔre! Ma yɛnkɔ!" Nanso, wammua. Enti, ɔde no too nʼafunumu no so de no kɔɔ efie.

29 Ɔduruu fie no, ɔtwee sekan de twitwaa ne mpena no mu asinasini dumienu. Na ɔde esini baako biara kɔɔ Israel mmusuakuo dumienu no mu. 30 Na obiara a ɔhunuu saa aninyanneɛ yi kaa , "Ɛfiri ɛberɛ a Israel firii Misraim no, obi nnii saa amumuyɛsɛm yi bi da. Adɛn enti na ɛnsɛ yɛkasa na yɛyɛ ho biribi?"

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também