Pular para o conteúdo
Publicidade

Atemmufoɔ 20

Israelfoɔ Tu Benyaminfoɔ So Sa

1 Afei, Israelfoɔ nyinaa; ɛfiri Dan kɔsi Beer-Seba ne Gilead asase so bɛhyiaa Awurade anim nnipa baako Mispa. 2 Nnipa no nyinaa ne Israel mmusuakuo no nyinaa ntuanofoɔ, akofoɔ mpem ahanan a wɔkurakura akofena kɔɔ Onyankopɔn mma dwabɔ no ase. 3 (Nkra duruu Benyamin asase so Israelfoɔ mmusuakuo a wɔaka no Mispa.) Israelfoɔ no bisaa deɛ ɛyɛeɛ a saa awudisɛm yi siiɛ.

4 Enti, Lewini a ɔyɛ ɔbaa a wɔkumm no no kunu no kaa , "Me ne me mpena baa Gilead a ɛwɔ Benyamin asase so bɛdaa . 5 Anadwo no Gilead ntuanofoɔ no mu bi bɛtwaa fie no ho hyiaeɛ, pɛɛ wɔkum me, na wɔtoo me mpena no monnaa ma ɔwuiɛ. 6 Mefaa me mpena no twitwaa no asinasini de esini baako biara kɔɔ Israel mantam biara so. Ɛfiri , saa mmarima yi ayɛ atantansɛm ne aniwusɛm Israel. 7 Enti, seesei, ɛsɛ Israelfoɔ nyinaa fa adwene yei ho."

8 Nnipa no nyinaa sɔre buaa , "Yɛn mu biara rensane nkɔ fie. 9 Mmom, yɛbɛbɔ ntonto na yɛahunu wɔn a wɔbɛkɔ akɔto ahyɛ Gibea so. 10 Abusuakuo biara mu mmarima nkyɛmu edu mu baako na wɔbɛyi wɔn ama wɔama yɛn akofoɔ no nnuane, na yɛn a yɛaka no nso atɔ Geba so wereɛ animguasedeɛ a wɔayɛ Israel no." 11 Enti, Israelfoɔ nyinaa ano kɔɔ bɛnkorɔ mu boaa wɔn ho ano wɔbɛkɔ akɔto ahyɛ kuro no so.

12 Israelfoɔ no somaa abɔfoɔ kɔɔ Benyamin abusuakuo no mu kɔbisaa wɔn , "Ɛdeɛn awurukasɛm na moayɛ mo mu yi? 13 Monyi saa amumuyɛfoɔ a wɔfiri Gibea no mmra, na yɛnkum wɔn na yɛntu saa awurukasɛm yi ase mfiri Israel."

Nanso, Benyaminfoɔ no antie. 14 Mmom, wɔfifiri wɔn nkuro mu boaa wɔn ho ano Gibea wɔne Israelfoɔ no rebɛko. 15 Akofoɔ mpem aduonu nsia a wɔkurakura akofena kɔduruu Gibea, kɔkaa akofoɔ ahanson a na wɔte dada no ho. 16 Na Benyamin akofoɔ no mu ahanson abenkumma a wɔn mu biara toamfom ahwimmoɔ toɔ mu. 17 Na Israelfoɔ akofoɔ mpem ahanan a wɔkurakura akofena a Benyamin akofoɔ nka ho.

18 Ansa na wɔrebɛfiri ɔko no ase no, Israelfoɔ no kɔɔ Bet-El kɔbisaa Onyankopɔn , "Abusuakuo bɛn na ɛsɛ wɔdi ɔko no anim tia Benyaminfoɔ no?"

Awurade buaa , "Yuda na ɛsɛ wɔdi animu."

19 Enti, Israelfoɔ no siim anɔpahema kɔkyeree sraban baabi a ɛbɛn Gibea. 20 Afei, wɔtu teneeɛ de wɔn ani kyerɛɛ Gibea wɔrekɔto ahyɛ Benyamin mmarima no so. 21 Nanso, Benyamin akofoɔ a na wɔrebɔ kuro no ho ban no pue kunkumm Israelfoɔ no ɔpeduonu mmienu akono ɛda no ara.

22 Nanso, Israelfoɔ nyaa akokoɔduru boaa wɔn ho ano baabi a wɔkoo ɛda a ɛdi animu no. 23 Na wɔakɔ Bet-El akɔsu Awurade anim akɔsi anwummerɛ. Afei, wɔbisaa Awurade , "Yɛne yɛn ara abusuafoɔ a wɔfiri Benyamin nko bio anaa?"

Na Awurade buaa , "Monkɔ na mo ne wɔn nkɔko."

24 Enti, wɔkɔko tiaa Benyamin akofoɔ no, 25 na Benyamin mmarima no sane kumm Israelfoɔ akofoɔ a wɔnim akofena akodie yie no mpem dunwɔtwe.

26 Ɛnna Israelfoɔ no kɔɔ Bet-El kɔsuu Awurade anim kyenee kɔm kɔsii anwummerɛ. Wɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ maa Awurade. 27 Na Israelfoɔ kɔɔ Awurade anim kɔpɛɛ akwankyerɛ. (Saa ɛberɛ no na Onyankopɔn apam adaka no Bet-El, 28 na Eleasa babarima Pinehas a ɔyɛ Aaron nana no na na ɔyɛ ɔsɔfoɔ). Israelfoɔ no bisaa Awurade, , "Ɛsɛ yɛko tia yɛn ara yɛn abusuafoɔ Benyamin bio anaasɛ yɛnnyae?"

Awurade buaa , "Monkɔ! Ɔkyena mɛma moadi wɔn so nkonim."

29 Enti, Israelfoɔ de atɛfoɔ twaa Gibea ho nyinaa hyiaeɛ. 30 Ne nnansa so no, wɔboaa wɔn ho ano beaeɛ korɔ ara. 31 Ɛberɛ a Benyaminfoɔ akofoɔ pue baeɛ ɔko so no, wɔtwee wɔn firii kuro no mu. Na sɛdeɛ na wɔayɛ pɛn no, wɔhyɛɛ aseɛ kunkumm Israelfoɔ no. Ɛbɛyɛ Israelfoɔ aduasa na wɔwuwuiɛ akono petee mu a ebi deda akwan a ɛkɔ Bet-El ne Gibea ho. 32 Afei Benyamin akofoɔ no teaam , "Yɛredi wɔn so sɛdeɛ yɛdii wɔn so ɔko a ɛdi ɛkan no mu no!" Na saa ɛberɛ no na Israelfoɔ no apene so dada wɔbɛdwane ama Benyamin mmarima no ataa wɔn akwan no so, na ama wɔatwe wɔn afiri kuro no mu.

33 Ɛberɛ a Israelfoɔ akodɔm kɛseɛ no duruu Baal-Tamar no, wɔdanee wɔn ho koeɛ. Ɛhɔ na Israelfoɔ a wɔatɛ Geba no puee prɛko firi wɔn atɛeɛm 34 kɔsii Benyaminfoɔ no akyi tohyɛɛ wɔn so. Ɔko no mu yɛɛ den ara kɔsii na Benyaminfoɔ no ntumi nhunu amanehunu a ɛbɛba. 35 Ɛno enti, Awurade boaa Israel ma wɔdii Benyamin so nkonim. Saa ɛda no, Israelfoɔ kunkumm Benyamin akofoɔ no mpem aduonu enum ne ɔha, a na wɔn nyinaa nim akofena ano ko yie. 36 Afei, Benyaminfoɔ no hunuu wɔadi nkoguo. Israelfoɔ no dwane firii Benyamin akofoɔ no anim, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔn a wɔakɔ atɛ no bɛnya ɛkwan ayɛ wɔn adwuma. 37 Afei, wɔn a na wɔatɛ no firii afanan nyinaa kɔɔ Gibea, kunkumm obiara a ɔwɔ kuro no mu. 38 Wɔtuee wisie kumɔnn kuro no so, 39 a ɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ma Israelfoɔ no wɔnsane mmra mmɛto nhyɛ Benyamin akofoɔ no so.

Saa ɛberɛ no na Benyamin akofoɔ no akum Israelfoɔ no aduasa, a wɔteaam , "Yɛredi wɔn so sɛdeɛ yɛdii wɔn so ɔko a ɛdi ɛkan no mu no!" 40 Nanso, ɛberɛ a Benyamin akofoɔ no hwɛɛ wɔn akyi, na wɔhunuu wisie a atu nam ewiem kuro no mu baabiara no, 41 Israelfoɔ no sane baeɛ bɛto hyɛɛ wɔn so. Afei, Benyamin akofoɔ no hunuu asɛm aba na wɔbɔɔ huboa. 42 Enti, wɔdwane de wɔn ani kyerɛɛ ɛserɛ so. Nanso, Israelfoɔ no taa wɔn kunkumm wɔn. 43 Israelfoɔ no twaa Benyaminfoɔ no ho hyiaeɛ, taa wɔn anibereɛ so, kɔtoo wɔn Gibea atɔeɛ fam. 44 Ɛda no, Benyamin akofoɔ akɛseɛ mpem dunwɔtwe na wɔtotɔɔ ɔko no mu. 45 Wɔn a wɔanwuwu no dwane kɔɔ ɛserɛ so baabi a ɛbɛn Rimon botan no ho. Nanso, Israelfoɔ no kunkumm wɔn mu mpem enum ɛkwan no so. Wɔtoaa so taa wɔn, kɔsii wɔkumm mpenu baabi a ɛbɛn Gidom kaa ho.

46 Enti, Benyamin abusuakuo no hweree akofoɔ akokoɔdurufoɔ ɔpeduonunum saa ɛda no, 47 ma ɛkaa mmarima ahansia a wɔdwane kɔɔ ɔbotan Rimon ho kɔtenaa abosome ɛnan no. 48 Afei Israelfoɔ no sane baeɛ bɛkunkumm abɔdeɛ biara a nkwa mu nkuro no nyinaa mu, firi nnipa so kɔsi anantwie ne biribiara so. Na kuro biara a wɔduruu so no, wɔhyee no dworobɛɛ.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também