Pular para o conteúdo
Publicidade

Atemmufoɔ 1

Yuda Ne Simeon Fa Asase No

1 Yosua wuo akyi no, Israelfoɔ bisaa Awurade , "Abusuakuo bɛn na ɛsɛ wɔkɔto hyɛ Kanaanfoɔ no so kane?"

2 Awurade buaa , "Yuda na ɛsɛ ɔkɔ; mede asase no so die ahyɛ wɔn nsam."

3 Enti, Yuda ntuanofoɔ ka kyerɛɛ wɔn nuanom Simeon abusuakuo no , "Mommɛka yɛn ho na yɛnko ntia Kanaanfoɔ a wɔte asase a wɔde ama yɛn no so. Yɛn nso, yɛbɛboa mo ama moako afa mo asase." Enti, Simeonfoɔ mmarima no ne Yudafoɔ no kɔeɛ.

4 Ɛberɛ a Yuda kɔɔ wɔn so no, Awurade ma wɔdii Kanaanfoɔ ne Perisifoɔ no so nkonim, na wɔkunkumm atamfoɔ akofoɔ ɔpedu Besek. 5 Besek , wɔne ɔhene Adoni-Besek hyiaeɛ, na wɔko tiaa no, dii Kanaanfoɔ no ne Perisifoɔ no so nkonim. 6 Adoni-Besek dwaneeɛ, nanso ankyɛre na Israelfoɔ kɔkyeree no twitwaa ne nsa ne ne nan kokurobetie.

7 Ɛmaa Adoni-Besek kaa , "Ɛberɛ bi na mewɔ Ahemfo aduɔson a wɔatwitwa wɔn kokurobetie bɛtasee mporoporowa me didipono ase. Afei, Awurade atua me deɛ meyɛɛ wɔn no so ka." Wɔde no kɔɔ Yerusalem na ɔwuu .

8 Yuda mmarima no to hyɛɛ Yerusalem so, dii so nkonim. Wɔkunkumm kuropɔn no so nnipa nyinaa, too mu ogya.

9 Ɛno akyi, wɔdane faa anafoɔ fam, kɔto hyɛɛ Kanaanfoɔ a wɔtete bepɔ asase, Negeb ne atɔeɛ fam nkokoɔ so no so. 10 Yuda wuraa Kanaanfoɔ a na wɔte Hebron a kane no na wɔfrɛ Kiriat-Arba no mu, dii Sesai, Ahiman ne Talmai so. 11 Wɔfiri kɔtoaa nnipa a wɔte Debir a kane no na wɔfrɛ (Kiriat-Sefer no).

12 Na Kaleb kaa , "Obiara a ɔbɛto ahyɛ Kiriat-Sefer so na wafa no, mede me babaa Aksa bɛma no aware." 13 Ɛnna Kaleb nua kumaa Kenas babarima Otniel kɔfaeɛ. Enti, Aksa bɛyɛɛ Otniel yere.

14 Aksa waree Otniel no, ɔka kyerɛɛ no ɔmmisa nʼagya Kaleb na ɔmma wɔn asase nka deɛ wɔwɔ no ho. Ɔfiri nʼafunumu so sii fam ara , Kaleb bisaa no , "Asɛm bɛn? Ɛdeɛn na menyɛ mma wo?"

15 Ɔbuaa , "Ma me nhyira bio. Woadom me ama me asase Negeb, na mesrɛ wo ma me asase a nsuo so." Enti, Kaleb maa no atifi ne anafoɔ fam nsuwansuwa asase.

16 Ɛberɛ a Yuda abusuakuo firii Yeriko no, Kenifoɔ a wɔyɛ Mose ase barima asefoɔ ne wɔn kɔɔ Yuda ɛserɛ no so. Wɔtenaa nnipa a wɔwɔ no mu beaeɛ bi a ɛbɛn Arad a ɛwɔ Negeb.

17 Afei, Yuda ne Simeon ka bɔɔ mu ko tiaa Kanaanfoɔ a wɔte Sefat no sɛee kuro no pasaa. Enti, wɔtoo kuro no edin Horma. 18 Ɛno akyi, Yuda ko faa nkuropɔn Gasa, Askelon ne Ekron ne wɔn nsase a atwa wɔn ho ahyia.

Israel Antumi Amfa Asase No

19 Na Awurade ka Yuda nkurɔfoɔ ho enti, ɛmaa wɔfaa bepɔ nsase no. Nanso, wɔantumi ampam nnipa a wɔte tata so no amfiri , ɛfiri , na wɔwɔ nnadeɛ nteaseɛnam. 20 Wɔde Hebron kuropɔn maa Kaleb sɛdeɛ na Mose ahyɛ ho no. Na Kaleb pamoo nnipa a na wɔyɛ Anak mmammarima baasa no asefoɔ no firii . 21 Benyamin abusuakuo no antumi ampam Yebusifoɔ a na wɔte Yerusalem no. Enti, ɛbɛsi ɛnnɛ yi, Yebusifoɔ ne Benyamin nkurɔfoɔ da so te Yerusalem.

22 Yosef asefoɔ kɔto hyɛɛ Bet-El kuro no so, na Awurade kaa wɔn ho. 23 Wɔsomaa akwansrafoɔ kɔɔ Bet-El (a kane no na wɔfrɛ no Lus) . 24 Wɔde nsɛmmisa puapuaa ɔbarima bi a na ɔfiri kuropɔn no mu reba. Wɔka kyerɛɛ no , "Kyerɛ yɛn ɛkwan a wɔde kuropɔn no mu na yɛn nso, yɛbɛhunu wo mmɔbɔ." 25 Enti, ɔkyerɛɛ wɔn kuropɔn no kwan ma wɔkɔkunkumm kuropɔn no mu nnipa nyinaa, na wɔgyaa ɔbarima no ne nʼabusuafoɔ. 26 Akyire no, ɔbarima no tutu kɔɔ Hetifoɔ asase so. Ɔkyekyeree kuropɔn . Ɔtoo kuropɔn no edin Lus. Na saa edin no da kuropɔn no so de bɛsi ɛnnɛ.

27 Manase abusuakuo no nso antumi ampam nnipa a na wɔte Bet-Sean, Taanak, Dor, Yibleam, Megido ne wɔn nkuraaseɛ no, ɛfiri , na Kanaanfoɔ no aka , sɛdeɛ ɛteɛ biara, ɛhɔ ara na wɔpɛ wɔtena. 28 Israelfoɔ no nyaa ahoɔden kakra no, wɔhyɛɛ Kanaanfoɔ no ma wɔyɛɛ nnwuma nkoa maa wɔn a wɔampamo wɔn amfiri asase no so. 29 Efraim abusuakuo no nso antumi antu Kanaanfoɔ a na wɔte Geser no enti Kanaanfoɔ no kɔɔ so ne wɔn tenaeɛ. 30 Sebulon abusuakuo no antumi antu Kanaanfoɔ a na wɔte Kitron ne Nahalol, enti wɔkɔɔ so ne wɔn tenaeɛ. Nanso, wɔhyɛɛ wɔn ma wɔyɛɛ adwuma nkoa. 31 Aser abusuakuo no nso antumi antu wɔn a na wɔte Ako, Sidon, Ahlab, Aksib, Helba, Afik ne Rehob. 32 Nokorɛm, ɛsiane wɔantumi antu wɔn no enti, Kanaanfoɔ no dɔɔso asase a Aserfoɔ no te soɔ no so. 33 Naftali abusuakuo no nso antumi antu wɔn a na wɔte Bet-Semes ne Bet-Anat. Mmom, Kanaanfoɔ no dɔɔso asase a wɔte soɔ no so. Nanso wɔhyɛɛ nnipa a wɔte Bet-Semes ne Bet-Anat ma wɔyɛɛ adwuma nkoa maa Naftali nkurɔfoɔ. 34 Dan abusuakuo no deɛ, Amorifoɔ hyɛɛ wɔn maa wɔtu kɔɔ bepɔ nsase no so na wɔamma wɔn amma tata so . 35 Amorifoɔ no sii wɔn adwene pi , wɔbɛtena Heres bepɔ so Ayalon ne Saalbim, nanso Yosef asefoɔ no yɛɛ den mmorosoɔ no, wɔhyɛɛ Amorifoɔ no ma wɔyɛɛ adwuma nkoa. 36 Na Amorifoɔ hyeɛ firi Akrabbim aforoeɛ Sela na ɛtoa so atifi fam.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também