Pular para o conteúdo
Publicidade

Atemmufoɔ 17

Mika Ahoni

1 Ɔbarima bi tenaa Efraim bepɔ asase so a na wɔfrɛ no Mika. 2 Ɛda koro bi, ɔka kyerɛɛ ne maame , "Metee wodomee ɔkorɔmfoɔ a ɔwiaa wo nnwetɛbena kilogram dumienu firii wo nkyɛn no. Ɛyɛ, ɛnie. Me ara na mefaeɛ."

Ne maame kaa , "Awurade nhyira wo woaka nokorɛ." 3 Ɔde sika no maa no no, ne maame no kaa , "Mede saa nnwetɛbena kilogram dumienu ne fa yi ma Awurade. Mɛma wɔayɛ nsɛsodeɛ ne ohoni a wɔagu de ahyɛ me babarima animuonyam."

4 Enti ne maame de nnwetɛbena ahanu kɔmaa dwetɛdwumfoɔ na ɔde yɛɛ nsɛsodeɛ ne ohoni. Na wɔde sii Mika fie. 5 Mika yɛɛ asɔreeɛ na ɔyɛɛ asɔfotadeɛ ne efiefoɔ ahoni kaa ho. Ɛnna ɔhyɛɛ ne mmammarima no mu baako ɔsɔfoɔ. 6 Saa ɛberɛ no na Israel nni ɔhene, enti na nnipa no deɛ wɔpɛ biara.

7 Ɛda bi, Lewini aberanteɛ bi a ɔfiri Betlehem a ɛwɔ Yuda 8 bɛduruu saa beaeɛ Efraim asase so a ɔrepɛ baabi pa atena. Ɛbaa , ɔkɔsoɛɛ Mika fie. 9 Mika bisaa no , "Ɛhe na wofiri?"

Ɔno nso buaa , "Meyɛ Lewini a mefiri Betlehem Yuda na merepɛ baabi matena."

10 Mika ka kyerɛɛ no , "Wo ne me ntena ha, na wobɛyɛ agya ne ɔsɔfoɔ ama me. Mɛma wo nnwetɛbena gram ɔha ne dunan (114) afe biara; mɛma wo ntadeɛ ne aduane." 11 Lewini no penee so na ɔbɛyɛɛ Mika mmammarima no mu baako. 12 Enti, Mika hyɛɛ Lewini no ɔsɔfoɔ, na ɔtenaa Mika fie. 13 Na Mika kaa , "Menim Awurade bɛhyira me, ɛfiri , mewɔ Lewini a ɔresom me ɔsɔfoɔ."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também