Pular para o conteúdo
Publicidade

Marcos 11

Yesu Yerusalem

1 Yesu ne nʼasuafoɔ no rebɛn Yerusalem, na wɔduruu Betfage ne Betania a ɛwɔ Ngo Bepɔ no ho no, Yesu somaa nʼasuafoɔ no mu baanu, dii wɔn anim ɛkan. 2 Yesu ka kyerɛɛ wɔn , "Monkɔ akuraa a ɛwɔ no ase. moduru a, mobɛhunu wɔasa afunumu ba bi a wɔntenaa ne so da ahoma. Monsane no, na momfa no mmrɛ me. 3 Na obi bisa mo ɛdeɛn na moreyɛ a, monka no tiawa , Ne ho hia Awurade, na ɔbɛsane de no aba seesei ara.’ "

4 Asuafoɔ baanu no siim. Wɔkɔhunuu aboa no sa efie bi aboboano. Enti, wɔsanee no. 5 Wɔgu so resane no no, nnipa bi a wɔgyina nkyɛn bisaa wɔn , "Adɛn enti na moresane afunumu ba no?" 6 Wɔkaa asɛm a Yesu ka kyerɛɛ wɔn no kyerɛɛ nnipa no ma wɔtee wɔn aseɛ. 7 Wɔde afunumu ba no brɛɛ Yesu, maa asuafoɔ no de wɔn ntoma guu aboa no so, maa Yesu tenaa ne so. 8 Nnipakuo a wɔwɔ no bi de wɔn ntoma sesɛɛ ɛkwan a ɔde aboa no nam so no so. Ebinom nso pempan nnua mman de sesɛɛ ɛkwan no mu saa ara. 9 Na Yesu di nnipakuo no mfimfini a wɔn nyinaa reteateam ,

"Hosiana!"11.9 Nkamfoɔ

"Nhyira ne deɛ ɔnam Awurade din mu reba!"

10 "Animuonyam nka Onyankopɔn yɛn agya Dawid ahennie reba."

"Hosiana ɔsorosoro!"

11 Yesu kɔduruu Yerusalem no, ɔkɔɔ asɔredan no mu. Ɔhwɛɛ biribiara a ɛwɔ dinn ansa na ɔrefiri , ɛfiri , na onwunu redwo enti ɔne asuafoɔ dumienu no kɔɔ Betania.

Veja também