Publicidade

Marcos 13

Asɔredan No Sɛeɛ

1 Yesu refiri asɔredan no mu no, nʼasuafoɔ no mu baako kaa , "Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, adan yi papa. Hwɛ sɛdeɛ wɔde aboɔ asiesie afasuo no."

2 Yesu ka kyerɛɛ no , "Ɛyɛ nokorɛ deɛ, nanso wɔbɛdwiri saa ɛdan yi agu pasaa."

3 Ɛberɛ a ɔte Ngo Bepɔ no so a nʼani tua Yerusalem no, Petro, Yakobo, Yohane ne Andrea baa ne nkyɛn bɛbisaa no , 4 "Ɛberɛ bɛn na deɛ woreka fa asɔredan yi ho no bɛba mu. Na nsɛnkyerɛnneɛ bi bɛdi ɛkan aba ansa anaa?"

5 Yesu buaa wɔn , "Monhwɛ yie na obi annaadaa mo. 6 Nnipa bebree de me din bɛba abɛka wɔne Agyenkwa no, na wɔadaadaa mo mu pii. 7 Akokoakoko bɛsisi afanan nyinaa, nanso ɛnyɛ ɛnonom ne awieeɛ no ho nsɛnkyerɛnneɛ. 8 Aman bɛsɔre aman so, na ahennie asɔre ahennie so na asasewosoɔ ne ɛkɔm bɛba mmeammea. Yeinom nyinaa bɛyɛ nneɛma a ɛyɛ hu a ɛbɛba no mfitiaseɛ.

9 "Nanso, yeinom fiti aseɛ ɛreba a, monhwɛ yie! Mobɛkɔ ɔhaw akɛseɛ mu. Esiane modi mʼakyi enti, wɔbɛtwe mo akɔ asɛnniiɛ; wɔbɛhwe mo asɔredan mu, na wɔaka nsɛm agu mo so ahemfo ne mpanimfoɔ anim. Saa ɛberɛ no ne berɛ pa a ɛsɛ moka Asɛmpa no kyerɛ wɔn. 10 Na ɛsɛ Asɛmpa no di ɛkan duru ɔman biara so ansa na awieeɛ no aba. 11 Na wɔkyere mo de mo bɛgyina asɛnniiɛ a, monnnwene deɛ mobɛka de ayi mo ho ano ho. Monka deɛ Onyankopɔn bɛkyerɛ mo monka no. Na ɛnyɛ mo na mobɛkasa, na Honhom Kronkron no na ɔbɛkyerɛ mo deɛ monka.

12 "Onua bɛyi onua ama wɔakum no. Saa ara na agyanom nso bɛyi wɔn mma ama. Mma bɛsɔre atia wɔn awofoɔ ama wɔakum wɔn. 13 Me enti, nnipa nyinaa bɛtan mo. Nanso, deɛ ɔbɛtumi agyina pintinn akɔsi awieeɛ no, wɔbɛgye no nkwa.

14 "Enti, mohunu akyiwadeɛ a ɛbɔ ɔman asɔredan mu a, ɔkenkanfoɔ, hwɛ yie! Wɔn a wɔwɔ Yudea no nnwane nkɔ mmepɔ no so. 15 Wɔn a wɔwɔ wɔn afie mu no nnwane a wɔnnsane nkɔ efie bio nkɔfa biribiara mmfiri . 16 Wɔn a wɔwɔ mfuom no nso nnsane wɔn akyi mmɛfa sika anaa ntoma efie. 17 Na wɔn a wɔafa afuro ne wɔn a wɔturu mma saa ɛberɛ no mu no nnue. 18 Na mommɔ mpaeɛ na ɛberɛ a ɛsɛ modwane no anyɛ awɔberɛ. 19 Na ahohia a ɛbɛba saa mmerɛ no mu no, ɛfiri ɛberɛ a Onyankopɔn bɔɔ adeɛ no, ebi nsii da, na ebi nso rensi da.

20 "Gye Awurade twa saa amanehunu no so, anyɛ saa a, ɔkra baako koraa rentena ase. Nanso, ɛsiane wɔn a wɔayi wɔn no enti, ɔbɛtwa nna no so. 21 Na obi ka kyerɛ mo , Agyenkwa no nia, mommua. 22 Atorɔ Kristo ne atorɔ adiyifoɔ bɛsɔre mo mu, na wɔayɛ anwanwadeɛ ahodoɔ, na ɛbɛtumi a, wɔadaadaa Onyankopɔn no ara ankasa mma. 23 Monhwɛ yie, ɛfiri , maka biribiara akyerɛ mo!

24 "Ahohia no akyi no,

" owia bɛduru sum,

na ɔsrane renhyerɛn,

25 na nsoromma bɛtete ahwe,

na wɔbɛwoso tumi a ɛwɔ ewiem no.

26 "Na nnipa nyinaa bɛhunu me, Agyenkwa no, mede tumi ne animuonyam nam omununkum mu reba. 27 Na mɛsoma mʼabɔfoɔ akɔ ewiase afanan nyinaa, firi ɔsoro ano akɔka asase ano, na wɔabɛboaboa wɔn a mayi wɔn no ano.

28 "Afei, monsua biribi mfiri borɔdɔma dua no ho asɛm no mu. ɛyi mman foforɔ, sane yi ahahan foforɔ a, na ɛkyerɛ asusɔ abɛn. 29 mohunu saa nneɛma yi a maka ho asɛm akyerɛ mo yi nyinaa afiti aseɛ resisi a, mobɛhunu me ba a mɛsane aba no abɛn. 30 Nokorɛ me se mo , awontoatoasoɔ yi rentwam, gye saa nneɛma yi nyinaa aba mu ansa. 31 Ɔsoro ne asase bɛtwam akɔ, na me nsɛm deɛ, ɛrentwam da.

32 "Nanso ɛda anaa dɔn ko a awieeɛ no bɛba deɛ, obiara nnim. Ɔsoro abɔfoɔ ne mʼankasa mpo nnim. Agya no nko ara na ɔnim. 33 Esiane monnim berɛ ko a asɛm yi bɛsi enti, monsiesie mo ho. Monwɛn, ntwɛn me ba no. 34 Me ba no te ɔbarima bi a ɔtuu ɛkwan kɔɔ ɔman foforɔ bi so. Ɔrebɛkɔ no, ɔkyerɛɛ adwuma a nʼapaafoɔ nyɛ. Ɛnna ɔka kyerɛɛ ne wɛmfoɔ nso , ɔnwɛn yie nkɔsi ɔbɛba.

35 "Enti, mo nso monwɛn, ɛfiri , monnim berɛ ko a efiewura no bɛba. Ɛbɛtumi aba ɔbɛba anwummerɛ, ɔdasuom, ahemadakye anaa awia. 36 ofu mu ba a, ɛnsɛ ɔbɛto mo moadeda. 37 Asɛm a mede agya mo ne nnipa nyinaa ni. Monwɛn.’ "

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-