Yesu Sa Obi A Ne Nsa Awuo Yadeɛ
1 Yesu baa Kapernaum no, ɔkɔɔ hyiadan mu bio. Ɔduruu hɔ no, ɔhunuu ɔbarima bi a ne nsa baako awu. 2 Na saa ɛda no yɛ Homeda enti na Yesu atamfoɔ no retetɛ no ahwɛ sɛ ɔbɛsa ɔbarima no yadeɛ anaa. Na wɔabɔ wɔn tirim sɛ, sɛ ɔsa no yadeɛ a, wɔbɛkyere no! 3 Yesu ka kyerɛɛ ɔbarima no sɛ, "Sɔre gyina nnipa no anim."
4 Ɔdanee ne ho kyerɛɛ nʼatamfoɔ no bisaa wɔn sɛ, "Ɛyɛ sɛ obi yɛ papa Homeda? Anaasɛ ɛyɛ ɛda a wɔde yɛ bɔne? Ɛyɛ ɛda a wɔde gye nkwa anaa wɔma obi nkwa hwere no" Nanso, wɔammua no.
5 Ɔde abufuo hwɛɛ wɔn hyiaeɛ. Ɛhaa no sɛ wɔnni ahummɔborɔ mma nnipa enti ɔka kyerɛɛ ɔbarima no sɛ, "Tene wo nsa no mu." Ɔtenee mu, na amonom hɔ ara, ne nsa no yɛɛ yie.