Yairo Babaa No Nyane
35 Ɔgu so rekasa kyerɛ ɔbaa no no, abɔfoɔ firi Yairo efie bɛbɔɔ amaneɛ sɛ, Yairo babaa no awu, enti ɛho nhia sɛ Yesu bɛba bio.
36 Yesu antie deɛ na wɔreka no koraa, na ɔka kyerɛɛ Yairo sɛ, "Nsuro, gye di ara."
37 Afei, Yesu amma obiara anni nʼakyi ankɔ Yairo efie hɔ gye Petro, Yakobo ne Yohane. 38 Ɛberɛ a Yesu duruu hɔ no, ɔhunuu sɛ ɛhɔ nyinaa ayɛ manyamanya a nnipa retwa agyaadwoɔ. 39 Ɔkɔɔ efie no mu ne wɔn a wɔwɔ hɔ no kɔkasaeɛ. Ɔbisaa wɔn sɛ, "Adɛn ne agyaadwotwa ne gyegyeegye yi? Abɔfra no nwuiɛ; nna na wada!" 40 Wɔn a wɔwɔ hɔ no tee asɛm a Yesu kae no, wɔseree no.
Yesu ka kyerɛɛ wɔn a wɔwɔ efie hɔ no sɛ, wɔn nyinaa mfiri adi. Ɔne abɔfra no agya ne ne maame ne nʼasuafoɔ baasa no kɔɔ deɛ abɔfra no da hɔ. 41 Ɔsɔɔ abɔfra no nsa kaa sɛ, "Talita, Kumm!" a aseɛ ne sɛ "Abaayewa, mese wo sɛ sɔre!" 42 Amonom hɔ ara, abaayewa no sɔreeɛ, na ɔfiri aseɛ nanteeɛ. Na saa abaayewa no adi mfeɛ dumienu. Asɛm a ɛsiiɛ yi maa wɔn ho dwirii wɔn yie. 43 Yesu bɔɔ wɔn ano sɛ wɔnnka asɛm a asie no nkyerɛ obiara, na mmom, wɔmma abɔfra no aduane nni.