35 Onwunu reyɛ adwo no, nʼasuafoɔ no baa ne nkyɛn, bɛka kyerɛɛ no sɛ, "Adeɛ resa. Aduane biara nso nni ha. 36 Ka kyerɛ nnipa no na wɔnkɔ nkuro mu ne nkuraa a atwa yɛn ho ahyia yi ase, na wɔnkɔtɔ aduane bi nni."
37 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, "Momma wɔn aduane nni."
Wɔbisaa no sɛ, "Ansa na yɛbɛtumi ama saa nnipa dodoɔ yi aduane no, ɛsɛ sɛ yɛnya abosome nwɔtwe akatua. Sɛ yɛse yɛbɛma wɔn aduane a, yɛrennya saa nnipakuo yi ho sika!"
38 Yesu bisaa wɔn sɛ, "Burodo ahe na yɛwɔ? Monkɔ na monkɔhwɛ."
Wɔsane ba bɛka kyerɛɛ no sɛ, "Wɔwɔ burodo enum ne mpataa mmienu."
39 Afei, Yesu ka kyerɛɛ nnipakuo no sɛ, wɔntenatena ase, na wɔtenatenaa ase akuakuo wɔ ɛserɛ no so. 40 Enti, wɔtenatenaa ase akuakuo a ebi yɛ ɔha na ebi yɛ aduonum. 41 Yesu faa burodo enum ne mpataa mmienu no, na ɔhwɛɛ ɔsoro, bɔɔ mpaeɛ, hyiraa so. Ɔbubuu burodo no mu de maa asuafoɔ no sɛ wɔnkyɛ mma nnipa no. Na ɔkyɛɛ mpataa no nso maa wɔn. 42 Nnipa no dii aduane no maa obiara meeɛ! 43 Nnipa a wɔdii aduane no bɛyɛ mmarima mpemnum; 44 na wɔtasee aseɛ nkaeɛ no, ɛyɛɛ nkɛntɛmma dumienu.