Pular para o conteúdo
Publicidade

Marcos 6

37 Yesu ka kyerɛɛ wɔn , "Momma wɔn aduane nni."

Wɔbisaa no , "Ansa na yɛbɛtumi ama saa nnipa dodoɔ yi aduane no, ɛsɛ yɛnya abosome nwɔtwe akatua. yɛse yɛbɛma wɔn aduane a, yɛrennya saa nnipakuo yi ho sika!"

38 Yesu bisaa wɔn , "Burodo ahe na yɛwɔ? Monkɔ na monkɔhwɛ."

Wɔsane ba bɛka kyerɛɛ no , "Wɔwɔ burodo enum ne mpataa mmienu."

39 Afei, Yesu ka kyerɛɛ nnipakuo no , wɔntenatena ase, na wɔtenatenaa ase akuakuo ɛserɛ no so. 40 Enti, wɔtenatenaa ase akuakuo a ebi ɔha na ebi aduonum. 41 Yesu faa burodo enum ne mpataa mmienu no, na ɔhwɛɛ ɔsoro, bɔɔ mpaeɛ, hyiraa so. Ɔbubuu burodo no mu de maa asuafoɔ no wɔnkyɛ mma nnipa no. Na ɔkyɛɛ mpataa no nso maa wɔn. 42 Nnipa no dii aduane no maa obiara meeɛ! 43 Nnipa a wɔdii aduane no bɛyɛ mmarima mpemnum;

Veja também