Pular para o conteúdo
Publicidade

Miquéias 5

Bɔhyɛhene Bi A Ɔfiri Betlehem

1 Mommoaboa mo akodɔm ano,

Ao akofoɔ kuropɔn,

ɛfiri , atamfoɔ atwa yɛn ho ahyia.

Wɔde abaa bɛbɔ Israel sodifoɔ no nʼafono so.

2 "Nanso wo, Betlehem Efrata,

ɛwom woyɛ ketewa Yuda mmusua mu deɛ,

nanso, wo mu na obi bɛfiri ama me

a ɔbɛyɛ Israel sodifoɔ,

na nʼase firi teteete."

3 Enti wɔbɛgya Israelfoɔ mu,

kɔsi ɔbaa a awoɔ aka no no bɛwo

na ne nuanom mmarima nkaeɛ

bɛsane akɔka Israelfoɔ ho.

4 Ɔbɛsɔre ahwɛ ne nnwankuo

Awurade ahoɔden mu,

Awurade ne Onyankopɔn din kɛseyɛ mu.

Na wɔbɛtena asomdwoeɛ mu, na afei

ne kɛseyɛ bɛduru asase awieeɛ.

5 Na ɔbɛyɛ wɔn asomdwoeɛ.

Asiriafoɔ bɛto hyɛ yɛn so,

na wɔbɔ nsra fa yɛn aban mu a,

yɛde nnwanhwɛfoɔ nson,

mpo ntuanofoɔ nwɔtwe bɛhyia wɔn.

6 Wɔde akofena bɛdi Asiria asase so,

wɔbɛtwe akofena de adi Nimrod asase so.

Asiriafoɔ to hyɛ yɛn so,

nsra fa yɛn ahyeɛ so a,

ɔbɛgye yɛn afiri ne nsam.

7 Yakob asefoɔ nkaeɛ no

bɛfrafra nnipa bebree mu

te obosuo a ɛfiri Awurade,

te osuo a ɛpete gu ɛserɛ so

a ɛnntwɛn ɔdasani,

na ɔdasani biara rentumi nsi ho ɛkwan.

8 Wɔbɛkane Yakob asefoɔ nkaeɛ no afra aman no mu,

wɔbɛfrafra nnipa bebree mu

te gyata a ɔfra mmoa mu kwaeɛ mu,

te gyata ba a ɔfra nnwankuo mu

a ɔbobɔ wɔn tete wɔn mu

na obiara ntumi nnye wɔn.

9 Wɔbɛma wo nsa so woadi wʼatamfoɔ so nkonim,

na wɔbɛsɛe wʼatamfoɔ nyinaa.

10 "Saa ɛda no," sɛdeɛ Awurade seɛ nie,

"Mɛsɛe apɔnkɔ a wowɔ

na mabubu wo nteaseɛnam.

11 Mɛsɛe nkuropɔn a ɛwɔ wʼasase so

na madwiri wo banbɔ denden nyinaa agu.

12 Mɛsɛe wʼabayisɛm

na wo ntafowayie to bɛtwa.

13 Mɛsɛe nsɛsodeɛ a wode wo nsa ayɛ

ne aboɔ ahoni a wowɔ no,

na worenkoto nsɔre

wo nsa ano adwuma bio.

14 Mɛtutu Asera afɔrebukyia no afiri wo mu

na masɛe wo nkuropɔn.

15 Aman a wɔantie mʼasɛm no nyinaa,

mede abufuo ne abufuhyeɛ bɛtɔ wɔn so wedeɛ."

Veja também