Publicidade

Mateus 1

Yesu Awoɔ

18 Sɛdeɛ Yesu Kristo awoɔ ho nsɛm teɛ nie: Wɔde ne maame Maria maa Yosef ɔnware no, nanso ansa na wɔbɛhyiam awarefoɔ no, ɔhunuu wanyinsɛn deɛ ɛfiri Honhom Kronkron. 19 Ɛbaa saa no, ne kunu Yosef a ɔdi ne ho ni no ampɛ ɔbɛgu Maria anim ase enti, ɔyɛɛ nʼadwene ɔbɛgyaa no awadeɛ kɔkoam.

20 Ɛberɛ a asɛm no ayɛ Yosef dadwene no, Awurade ɔbɔfoɔ bɛyii ne ho adi kyerɛɛ no daeɛ mu. Ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ no , "Yosef, Dawid aseni, nnyae Maria awadeɛ ɛfiri , ne nyinsɛn no firi Honhom Kronkron. 21 Ɔbɛwo ɔbarima na wɔato no edin Yesu, aseɛ ne Agyenkwa, ɛfiri , ɔno na ɔbɛgye ne nkurɔfoɔ nkwa afiri wɔn bɔne mu."

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-