Ɔbaa Bi Gyidie
21 Yesu firii ɔman no mu hɔ kɔɔ Tiro ne Sidon. 22 Kanaanni baa bi a ɔte ɔman no mu hɔ de su baa Yesu nkyɛn bɛkaa sɛ, "Awurade, Dawid Ba, hunu me mmɔbɔ! Honhommɔne hyɛ me ba mu na sɛ ɛka ne ho a, ɛma ne ho yera no."
23 Yesu anka hwee. Nʼasuafoɔ no hyɛɛ no sɛ ɔmpam ɔbaa no mfiri hɔ. Wɔtii mu ka kyerɛɛ no bio sɛ, "Ka kyerɛ no na ɔmfiri ha nkɔ, na ɔde nʼadesrɛ no retuatua yɛn aso."
24 Yesu ka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ, "Wɔsomaa me sɛ memmɛboa Yudafoɔ, Israel nnwan a wɔayera no, na ɛnyɛ amanamanmufoɔ."
25 Ɔba bɛkotoo no kɔɔ so srɛɛ no sɛ, "Me wura, boa me!"
26 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, "Ɛnyɛ sɛ wɔbɛgye burodo afiri mmɔfra nsam ato ama nkraman."
27 Ɔbaa no nso buaa sɛ, "Ɛwom saa deɛ, nanso nkraman no nso tumi di mporoporowa a ɛfiri wɔn wura no ɛpono so gu fam no."
28 Yesu ka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ, "Ɔbaa, wo gyidie mu yɛ den. Mɛyɛ wʼabisadeɛ ama wo." Ɛhɔ ara, ne babaa no ho tɔɔ no.