Publicidade

Mateus 16

Farisifoɔ Ne Sadukifoɔ Nsɛnkyerɛnneɛ

1 Ɛda koro bi, Farisifoɔ ne Sadukifoɔ baa Yesu nkyɛn bɛsɔɔ no hwɛeɛ frɛ a ɔfrɛ ne ho Onyankopɔn Ba no ho. Wɔka kyerɛɛ no ɔnyɛ nsɛnkyerɛnneɛ bi a ɛfiri ɔsoro nkyerɛ wɔn.

2 Yesu buaa wɔn , "Monim ewiem nsakraeɛ ho nkyerɛaseɛ. owia rekɔtɔ, na ewiem kɔkɔɔ a, moka ɔkyena ewiem bɛte. 3 ɛduru anɔpa na ewiem kɔkɔɔ a, moka ewiem rente da mu no nyinaa. Nanso, montumi nkyerɛ mmerɛ mu nsɛnkyerɛnneɛ no ase. 4 Saa ɔman nnebɔneyɛfoɔ a wɔnnye hwee nni yi hwehwɛ wɔbɛhunu ɛsoro nsɛnkyerɛnneɛ bi, nanso wɔrenhunu nsɛnkyerɛnneɛ foforɔ biara ka anwanwadeɛ a wɔyi kyerɛɛ Yona no ho." Yesu kaa saa wieeɛ no, ɔgyaa wɔn kɔeɛ.

Farisifoɔ Ne Sadukifoɔ Mmɔka

5 Asuafoɔ no tware kɔɔ asuogya nohoa no, wɔkaee anka ɛsɛ wɔfa aduane. 6 Yesu ka kyerɛɛ wɔn , "Monhwɛ mo ho so yie Farisifoɔ ne Sadukifoɔ nyaatwom a ɛte mmɔreka no ho."

7 Asuafoɔ no susuu gyama wɔnkura aduane biara no enti na Yesu kaa saa.

8 Yesu hunuu deɛ wɔdwennwene no, ɔka kyerɛɛ wɔn , "Mo a mo gyidie sua! Adɛn na ɛha mo moamfa aduane? 9 Enti, morente aseɛ da? Mo werɛ afiri burodo enum a mebubuu mu maa nnipa mpemnum no ne aseɛ mporoporowa nkɛntɛmma a ɛkaeɛ no? 10 Mo werɛ asane afiri burodo nson a mede maa nnipa mpemnan ne deɛ ɛkaeɛ no? 11 Adɛn enti na modwene aduane ho asɛm na mereka akyerɛ mo? Meresane aka bio , Monhwɛ mo ho yie Farisifoɔ ne Sadukifoɔ mmɔreka ho.’ " 12 Afei, asuafoɔ no tee deɛ ɔkaeɛ no ase , Farisifoɔ ne Sadukifoɔ mmɔreka ho asɛm a ɔreka akyerɛ no Farisifoɔ ne Sadukifoɔ nkyerɛkyerɛ bɔne bi no ho asɛm na ɔreka.

Petro Kyerɛ Onipa Ko A Yesu

13 Ɛberɛ a Yesu baa Kaesarea Filipi fam no, ɔbisaa nʼasuafoɔ no , "Nnipa ka Onipa Ba no ne hwan?"

14 Wɔbuaa no , "Ebinom se wone Yohane Osubɔni. Ebinom nso se Elia. Afoforɔ nso se wone Yeremia anaa adiyifoɔ no mu baako."

15 Afei, Yesu bisaa wɔn "Na mo nso, mose mene hwan?"

16 Simon Petro buaa no , "Wone Kristo no, Onyankopɔn Teasefoɔ no Ba no!"

17 Yesu ka kyerɛɛ no , "Onyankopɔn ahyira wo, Yona ba Simon. Ɛfiri , ɛnyɛ onipa na ɔyii yei kyerɛɛ wo, na mmom, mʼagya a ɔwɔ ɔsoro no. 18 Wone Petro, Ɔbotan, na ɔbotan yi so na mede mʼasafo bɛsie, na tumi a ɛwɔ ɔbonsam gyam no rentumi mmubu no da. 19 Mede Ɔsoro Ahennie no nsafoa bɛma wo, na ɛpono biara a wobɛto mu asase so no, wɔbɛto mu ɔsoro; na ɛpono biara a wobɛbue asase so no, wɔbɛbue ɔsoro!" 20 Afei, Yesu bɔɔ nʼasuafoɔ no ano wɔnnka nkyerɛ obiara ɔno ne Agyenkwa no.

Yesu Hyɛ Ne Owuo Ne Ne Owusɔreɛ Ho Nkɔm

21 Ɛfiri saa ɛberɛ no, Yesu hyɛɛ aseɛ kaa a ɔbɛkɔ Yerusalem, ne amaneɛ a ɛbɛto no Yudafoɔ mpanin, asɔfoɔ mpanin ne twerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no nsam na wɔakum no, na nnansa so no wanyane no ho asɛm pefee kyerɛɛ nʼasuafoɔ no.

22 Petro frɛɛ Yesu kɔɔ nkyɛn na ɔkaa nʼanim , "Adɛn enti na woka asɛm a ɛte saa! Onyame mpa ngu! Deɛ woreka yi remma wo so da!"

23 Yesu danee ne ho kaa Petro anim , "Ɔbonsam, firi me so! Woyɛ suntidua kɛseɛ ma me. Wodwene nnipa adwene na ɛnyɛ Onyankopɔn deɛ."

24 Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no , "obi ɔdi mʼakyi a, ɔmpa ne ho akyi, na ɔmma nʼasɛnnua so, na ɔnni mʼakyi. 25 Na obiara a ɔpɛ ɔgye ne ɔkra nkwa no, ɛbɛfiri ne nsa, na obiara a me enti, ne ɔkra bɛfiri ne nsa no, ne nsa bɛsane aka. 26 Na onipa nya ewiase yi mu nneɛma nyinaa na ɔhwere ne ɔkra a, mfasoɔ bɛn na ɔbɛnya? Ɛdeɛn na onipa bɛtumi de asi ne ɔkra ananmu? 27 Na me, Onipa Ba no, mɛba mʼagya animuonyam mu a mʼabɔfoɔ ka me ho na mabɛbu obiara nneyɛeɛ ho atɛn.

28 "Nokorɛ mese mo : Mo mu bi renwu kɔsi mobɛhunu Onipa Ba no ɔreba nʼahennie mu."

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-28_14-13-17-