Publicidade

Apocalipse 12

Ɔbaa No Ne Ɔtweaseɛ No

1 Afei, nsɛnkyerɛnneɛ kɛseɛ bi daa ne ho adi ɔsoro. Ɔbaa bi, na nʼatadeɛ owia a ɔsrane ne nan ase, na nsoromma dumienu ahenkyɛ hyɛ no. 2 Na ɔnyem a ɔrebɛwo, na awoyea enti, na ɔresu. 3 Nsɛnkyerɛnneɛ kɛseɛ foforɔ bi daa ne ho adi ɔsoro. Ɔwɔ kɔkɔɔ kakraka bi, na ne ti nson na ɔwɔ mmɛn edu a ahenkyɛ hyehyɛ ebiara so. 4 Ɔde ne dua twee nsoromma a ɛwɔ ɔsoro no mu nkyɛmu mmiɛnsa mu baako too wɔn guu fam. Ɔgyinaa ɔbaa a ɔrewo no anim, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔwo ɔba no to ara , ɔbɛfa abɔfra no awe. 5 Afei, ɔbaa no woo abarimaa a ɔde nsa a ɛyɛ den bɛdi aman nyinaa so. Nanso, wɔhwim abɔfra no kɔɔ Onyankopɔn ne nʼahennwa ho. 6 Ɔbaa no dwane kɔɔ ɛserɛ so baabi a Onyankopɔn asiesie ama no a wɔbɛhwɛ no yie nnafua apem ahanu ne aduosia mu.

7 Afei, ɔko sii ɔsoro . Mikael ne nʼabɔfoɔ ko tiaa ɔwɔ no, ɛnna ɔno nso ne nʼabɔfoɔ ko tiaeɛ. 8 Nanso, wɔdii ɔwɔ no so nkonim na wɔamma ɔne nʼabɔfoɔ antena ɔsoro bio. 9 Wɔtoo ɔwɔ kakraka no tweneeɛ. Ɔno ne ɔwɔ dada no a wɔfrɛ no ɔbonsam a ɔdaadaa ewiase nyinaa no. Wɔtoo ɔno ne nʼabɔfoɔ nyinaa guu asase so.

10 Afei, metee nne denden bi ɔsoro a ɛka ,

"Afei, na Onyankopɔn nkwagyeɛ aba!

Afei, na Onyankopɔn akyerɛ ne tumi ɔyɛ Ɔhene!

Afei, na nʼAgyenkwa no akyerɛ ne tumi,

ɛfiri , yɛn nuanom no ahohorabɔni a

ɔgyinaa Onyankopɔn anim bɔɔ wɔn ahohora awia ne anadwo no,

wɔapam no afiri soro no.

11 Yɛn nuanom no nam Odwammaa no mogya so

ne nokorɛ a ɔdaa no adi so

dii ne so nkonim.

Na wɔasiesie wɔn ho wɔde wɔn nkwa bɛto

na wɔawuwu.

12 Enti, mo ɔsoro ne mo a motete no,

momma mo ani nnye.

Afei, asase ne ɛpo nnue!

Ɛfiri , ɔbonsam no atoa mo!

Na ne bo afu,

ɛfiri , ɔnim ne ɛberɛ a aka sua."

13 Ɛberɛ a ɔwɔ no hunuu wɔato no atwene asase so no, ɔtaa ɔbaa a wawo abarimaa no. 14 Wɔmaa ɔbaa no ɔkɔdeɛ ntaban akɛseɛ mmienu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛtumi atu akɔ baabi a wɔasiesie ama no ɛserɛ so a wɔbɛhwɛ no mfeɛ mmiɛnsa ne fa sɛdeɛ ɔwɔ no renni nʼakyi bio. 15 Afei, ɔwɔ no puu nsuo te asubɔnten dii ɔbaa no akyi sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɛbɛfa no. 16 Nanso, asase boaa ɔbaa no. Ɛbuee nʼanom nom nsuo a ɔwɔ no pu guu no nyinaa. 17 Ɔwɔ no bo fuu ɔbaa no, enti ɔkɔeɛ de ntɔkwa kɔkaa ɔbaa no asefoɔ a wɔaka a ɛyɛ wɔn a wɔdi Onyankopɔn mmara so na wɔgye nokorɛ a Yesu ada no adi no di. 18 Na ɔwɔ no kɔgyinaa mpoano .

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-