Publicidade

Romanos 2

1 Mo a mobu afoforɔ atɛn no, monni anoyie biara. Ɛkwan biara a mobɛfa so abu afoforɔ atɛn no, ɛnam saa ɛkwan no ara so ma mode atemmuo ba mo ho so. Ɛfiri , bɔne a ɛma mobu afoforɔ atɛn no, mo nso moyɛ saa bɔne korɔ no ara bi. 2 Yɛnim , Onyankopɔn bu wɔn a wɔte saa ara no atɛn a, na ne kwan so ara ne no. 3 Na wo, onipa, wobu afoforɔ atɛn nneɛma korɔ no ara a woyɛ bi no ho a, wosusu Onyankopɔn remmu wo atɛn anaa? 4 Anaasɛ, ebia, wommu nʼayamyɛ, nʼabodwokyerɛ ne ne boasetɔ? Wonnim Onyankopɔn mmɔborɔhunufoɔ a ɔpɛ ɔkyerɛ wo kwan a wobɛfa so anu wo ho?

5 Nanso, ɛsiane wʼakoma den ne akoma pirim enti, woboaboa abufuhyeɛ ano ma wo ho Onyankopɔn abufuhyeɛ da no, ɛda no a ɔbɛda nʼatɛntenenee adi no. 6 Deɛ obiara ayɛ no, ɛso akatua na Onyankopɔn bɛma no anya. 7 Wɔn a wɔde boasetɔ papa de hwehwɛ animuonyam, anidie ne deɛ ɛmporɔ no, ɔbɛma wɔn nkwa a ɛnni awieeɛ. 8 Nanso wɔn a wɔyɛ pɛsɛmenkomenya, ne wɔn a wɔpo nokorɛ no kɔdi bɔne akyi no, abufuhyeɛ ne amanehunu bɛba wɔn so. 9 Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ a wɔkɔ so bɔne no nyinaa bɛhunu amane na wɔn werɛ nso bɛho. 10 Nanso, wɔn a wɔtie no no, wɔyɛ Yudafoɔ anaa amanamanmufoɔ no, wɔbɛnya animuonyam, anidie ne asomdwoeɛ afiri Onyankopɔn nkyɛn. 11 Onyankopɔn nyɛ nyiyimu na ɔnyɛ animhwɛ nso nʼatemmuo mu.

12 Wɔn a wɔnnim mmara no na wɔyɛ bɔne no, wɔbɛkwati mmara no abu wɔn atɛn ara, na wɔn a wɔnim mmara no na wɔyɛ bɔne no, wɔnam mmara no so bɛbu wɔn atɛn. 13 Ɛnyɛ mmaratiefoɔ na wɔtene Onyankopɔn anim, na mmom, ɛyɛ wɔn a woyɛ ɔsetie ma mmara no na wɔbɛbu wɔn bem. 14 Amanamanmufoɔ no nni mmara, nanso wɔfiri wɔn awosu mu deɛ mmara no hwehwɛ wɔyɛ a, ɛwom wɔnni mmara deɛ, nanso yeinom bɛyɛ mmara ama wɔn. 15 Esiane wɔn abrabɔ kyerɛ , deɛ mmara no hwehwɛ no, wɔatwerɛ wɔn akoma mu no enti, wɔn ahonim di adanseɛ wɔdi bem anaasɛ wɔabu wɔn . 16 Enti, asɛmpa a meka no kyerɛ , ɛda no duru a, saa na Onyankopɔn nam Yesu Kristo so bɛbu nnipa kɔkoamsɛm atɛn.

17 Mo Yudafoɔ deɛ, mosusu mo ne Onyankopɔn te no yie so, ɛfiri , ɔde ne Mmara a monam so bɛnya nkwagyeɛ no maa mo. Na moka no mo anofafa so nso , moyɛ ne nnamfonom sononko bi. 18 Monim deɛ Onyankopɔn hwehwɛ moyɛ. Moasua afiri Mmara no mu ahunu deɛ ɛyɛ. 19 Mofa mo ho moyɛ akwankyerɛfoɔ ma anifirafoɔ, na moyɛ hann nso ma wɔn a wɔte esum mu. 20 Mogye di mobɛtumi akyerɛ adwenemherɛfoɔ ne mmɔfra Onyankopɔn akwan, ɛfiri , nokorɛm, monim ne Mmara a osuahunu ne nokorɛ ahyɛ no ma no. 21 Mokyerɛkyerɛ afoforɔ, na adɛn enti na montumi nkyerɛkyerɛ mo ho mo ho? Moka kyerɛ afoforɔ wɔmmmɔ korɔno. Mo nso mobɔ korɔno anaa? 22 Mo a moka adwamammɔ nyɛ. Mo nso mobɔ adwaman anaa? Mo a moka mokyiri ahoni no, mo nso mobɔ korɔno asɔrefie mu anaa? 23 Mode mmara no hoahoa mo ho, nanso mobu mmara no so de bu Onyankopɔn animtia. 24 Ɛnyɛ nwanwa Atwerɛsɛm no ka mo enti, ewiasefoɔ kasa tia Onyankopɔn.

25 woyɛ Yudani na wodi Onyankopɔn mmara no so a, ɛyɛ adeɛ a ɛsom bo. Na moanni so a, nsonsonoeɛ biara nni mo ne momonotofoɔ ntam. 26 momonotofoɔ di Onyankopɔn mmara so a, wɔremmu wɔn Onyankopɔn nkurɔfoɔ anaa? 27 Enti momonotoni a ɔdi mmara no so no bɛkasa atia mo, Yudafoɔ a monim Onyankopɔn mmara a wɔatwerɛ no, nanso monni so no.

28 Wo a wɔwoo mo Yudafoɔ anaasɛ twa a wɔatwa mo twetia no nkyerɛ moyɛ Yudafoɔ kann. 29 Yudani kann no ne deɛ ɔyɛ no nʼakoma mu. Saa ara nso na twetiatwa akoma mu nsakraeɛ a ɛfiri Onyankopɔn Honhom mu ba. Nsakraeɛ yi mmfiri di a obi di mmara bi so. Na deɛ wɔasakra no ayɛyie mmfiri nnipa , na mmom, ɛfiri Onyankopɔn .

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_12-11-46-