Publicidade

2 Crônicas 19

Yehosafat Yi Atemmufoɔ

1 Ɛberɛ a ɔhene Yehosafat duruu ne fie Yerusalem asomdwoeɛ mu no, 2 Hanani babarima Yehu, ɔdehunumuni no kɔhyiaa no. Ɔbisaa ɔhene Yehosafat , "Adɛn enti na woboa amumuyɛfoɔ, na wodɔ wɔn a wɔkyiri Awurade? Deɛ woayɛ yi de Awurade abufuo aba wo so. 3 Nanso, ade pa bi wo mu ɛfiri woatutu Asera afɔrebukyia a ɛwɔ asase no so nyinaa, na woatu wo ho asi wobɛhwehwɛ Onyankopɔn."

4 Na Yehosafat tenaa Yerusalem. Nanso, ɔtuu kwan firii Beer-Seba kɔɔ Efraim bepɔ asase no so, kɔhyɛɛ nkurɔfoɔ nkuran , wɔnsane nkɔ Awurade, wɔn agyanom Onyankopɔn no nkyɛn. 5 Ɔyiyii atemmufoɔ nkuropɔn a wɔabɔ ho ban ɔman no mu nyinaa, 6 hyɛɛ wɔn , "Atɛn biara a mobɛbu no ɛberɛ biara no, monnwene ho yie. Monkae , moremmu atɛn mode resɔ nnipa ani, na mmom, Awurade ani. Ɔbɛka mo ho asɛm biara a ɛba mo anim a ɛsɛ mobu ho atɛn no. 7 Monsuro Awurade, na mommu atɛntenenee, ɛfiri , Awurade, mo Onyankopɔn, kyiri ntɛnkyea, animhwɛ ne kɛtɛasehyɛ."

8 Na Yehosafat yii Lewifoɔ, asɔfoɔ ne mmusua ntuanofoɔ a wɔwɔ Israel no ma wɔsomm atemmufoɔ Yerusalem. Na wɔdi Awurade mmara mu nsɛm ne efie ntawantawa nsɛm nso. 9 Ɔhyɛɛ wɔn , "Daa, momfa Awurade nyamesuro, nokorɛdie ne adwene pa nyɛ mo adwuma. 10 Ɛberɛ biara a asɛm bi a ɛfiri mo nkurɔfoɔ a wɔwɔ nkurotoɔ yi so bɛba mo anim no, ɛyɛ awudie anaa Onyankopɔn mmara anaa nʼahyɛdeɛ so buo no, mommɔ wɔn kɔkɔ , wɔnnyɛ bɔne ntia Awurade, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nʼabufuo mma mo ne wɔn so. Monyɛ saa, na morenni .

11 "Ɔsɔfopanin Amaria bɛyɛ mo panin, na ɔkasa a obi nka bi bio nsɛm a ɛfa Awurade ho nyinaa. Ismael babarima Sebadia nso na ɔtua Yuda abusuakuo ano no. Ɔkasa a, obi nka bi bio ntawantawasɛm nyinaa mu. Lewifoɔ no na wɔbɛboa mo ama moabu atɛntenenee. Momfa akokoɔduru nni mo dwuma, na Awurade nka wɔn a wɔyɛ ade tenenee ho."

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-