Publicidade

Mateus 18

Hwan Ne Ɔkɛseɛ?

1 Ɛbɛyɛ saa ɛberɛ korɔ no ara mu, Yesu asuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛbisaa no , wɔn mu hwan na ɔbɛyɛ kɛseɛ Ɔsoro Ahennie no mu?

2 Yesu frɛɛ abɔfra ketewa bi de no bɛgyinaa wɔn mfimfini. 3 Afei, ɔka kyerɛɛ wɔn , "Merema mo ate aseɛ , gye motwe mo ho firi mo bɔne ho, na moyɛ mmɔfra nketewa, na mode mo ho ma Onyankopɔn ansa na mobɛtumi akɔ Ɔsoro Ahennie no mu. 4 Enti, obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase abɔfra yi no, ɔno na ɔbɛyɛ ɔkɛseɛ koraa Ɔsoro Ahennie mu. 5 Na mo mu biara a, me enti ɔbɛgye abɔfra ketewa biara te yei no, wagye me nso aba ne nkyɛn.

6 "Enti, obi to mmɔfra nketewa a wɔgye me die yi bi suntidua a, ɛyɛ ma no anka wɔde ɛboɔ duruduru bɛsɛn ne kɔn mu ato no atwene ɛpo mu. 7 Ewiase nnue ne suntiduatoɔ ho! Suntiduatoɔ deɛ, nanso deɛ ɛnam ne so bɛba no nnue. 8 Enti, wo nsa anaa wo nan ma woyɛ bɔne a, twa na to twene. Ɛyɛ ma wo wode dɛm bɛkɔ ɔsoro sene wɔde wo onipa mu bɛto ogyatannaa mu. 9 Na wʼani ma woyɛ bɔne a, tu na to twene. Ɛyɛ ma wo wode ani korɔ bɛkɔ ɔsoro sene wowɔ ani mmienu na wɔde wo bɛto amanehunu egya mu.

Odwan A Wayera No Ho Ɛbɛ

10 "Monhwɛ yie na moammu saa mmɔfra nketewa yi mu baako koraa animtia. Mereka akyerɛ mo , ɔsoro no, wɔn abɔfoɔ mʼagya nkyɛn daa. 11 Na me, Agyenkwa no, mebaeɛ merebɛgye wɔn a wɔayera no nkwa.

12 "onipa bi nnwan ɔha, na wɔn mu baako kɔkyini na ɔyera a, ɛdeɛn na ɔbɛyɛ? Ɔrennya aduɔkron nkron no nkɔkyinkyini mmepɔ so ne abɔn mu nhwehwɛ deɛ wayera no? 13 Na ɛba ɔhunu saa odwan no a, nʼani gye ne ho sene aduɔkron nkron a wɔwɔ efie no. 14 Saa ara nso na mʼagya a ɔwɔ ɔsoro no mpɛ nketewa yi mu baako bɛyera.

Onua Fom Wo A, Wʼasɛdeɛ

15 "wo nua fom wo a, ne nkyɛn na wo ne no baanu no nka deɛ ɔyɛɛ wo a ɛnyɛ wo no. ɔtie deɛ woka no, na ɔte ne ho ase a, onua ayɛ onua. 16 Na wantie nso a, sane fa onipa baako anaa baanu ka wo ho ne nkyɛn, na deɛ ɛbɛsi biara no, nnipa baanu anaa baasa adi ho adanseɛ. 17 wantie wo a, fa asɛm no kɔma asafo. Na wodi bem asafo no anim, na ɔnte ne ho ase ara a, asafo no mpam no mfiri wɔn mu.

18 "Mereka akyerɛ mo , biribiara a mokyekyere asase so no, wɔakyekyere ɔsoro, na biribiara a moasane asase so no, wɔasane ɔsoro.

19 "Meresane aka akyerɛ mo bio , mo mu baanu biara a wɔte asase yi so hwehwɛ biribi na wɔde nokorɛ bisa mʼagya a ɔwɔ ɔsoro no a, ɔbɛyɛ ama wɔn. 20 Na deɛ baanu anaa baasa ahyia me din mu no, na mewɔ wɔn mfimfini."

Ɔpaani Tirimuɔdenfoɔ No

21 Petro baa Yesu nkyɛn bɛbisaa no , "Awurade, mpɛn ahe na me nua fom me a memfa nkyɛ no? Mpɛn nson anaa?"

22 Yesu buaa no , "Dabi! Mpɛn aduɔson ahodoɔ nson!

23 "Ɔsoro Ahennie no te ɔhene bi a ɔpɛɛ ɔne nʼapaafoɔ bu nkonta. 24 Nkontabuo no mu no, wɔde ɔpaani bi a ɔde no ka sika ɔpepem edu brɛɛ no. 25 Esiane na ɔnni sika a ɔde bɛtua ka no enti, ɔhene no hyɛɛ wɔntɔn ɔne ne yere ne ne mma ne biribiara a ɔwɔ, na wɔmfa mmɛtua ɛka no.

26 "Ɔpaani yi de nʼanim butuu fam, srɛɛ ne wura yi , Me wura, hunu me mmɔbɔ, na to wo bo ase ma me, na mɛba abɛtua ɛka a mede wo no nyinaa. 27 Ɔpaani yi asɛm a ɔkaeɛ no yɛɛ ɔhene no mmɔbɔ, ma ɔgyaa no de ne ka no nyinaa nso kyɛɛ no.

28 "Saa ɔpaani yi firi no, ɔkɔhunuu ne nwurakwaa no mu bi a ɔde no ka sika kakraa bi. Ɔtim no amene ɔntua no ɛka a ɔde no no ɛhɔ ara.

29 "Na nʼawurakwaa no koto, paa no kyɛw ɔnto ne bo ase mma no, na ɔbɛtua ka no.

30 "Nanso ɔno deɛ, wampene. Ɔmaa wɔde no kɔtoo afiase gye watua no ka a ɔde no no nyinaa ansa na ɔbɛma wɔagyaa no. 31 Ɔkafoɔ yi nnamfo kɔkaa asɛm a asi no nyinaa kyerɛɛ ɔhene no.

32 "Ɔhene no teeɛ no, ɔfrɛɛ saa ɔpaani a ɔde ne ho kyɛɛ no no baa nʼanim. Ɔka kyerɛɛ no , Onipa bɔne ne otirimuɔdenfoɔ! Wosrɛɛ me no, mede ɛka kɛseɛ a wode me no nyinaa kyɛɛ wo; 33 ɛnsɛ wo wo nso wohunu wo yɔnko mmɔbɔ sɛdeɛ mehunu wo mmɔbɔ no anaa? 34 Ɔhene no de abufuo maa wɔde ɔpaani yi kɔtoo afiase kaa , gye watua ɛka a ɔde no no nyinaa ansa na ɔbɛma wɔayi no.

35 "Saa ara na moamfa mo nuanom mfomsoɔ ankyɛ wɔn a, me ɔsoro Agya nso remfa mo mfomsoɔ nkyɛ mo."

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-