Pular para o conteúdo
Publicidade

Mateus 2

Anyansafoɔ A Wɔfiri Apueeɛ No

1 Ɛberɛ a Ɔhene Herode di adeɛ no na wɔwoo Yesu Betlehem a ɛwɔ Yudea. 2 Saa ɛberɛ no ara mu na anyansafoɔ bi firi apueeɛ baa Yerusalem bɛbisaa , "Ɛhe na Yudafoɔ ɔhene a wɔawo no no ? Yɛhunuu ne nsoromma apueeɛ nohoa enti na yɛaba yɛrebɛsom no."

3 Ɔhene Herode tee saa asɛm yi no, ɛhaa nʼadwene yie. Saa ara nso na ɛhaa Yerusalemfoɔ nyinaa adwene. 4 Ɔhene Herode frɛɛ ɔman no mu asɔfoɔ mpanin ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ bɛhyiaeɛ. Ɔbisaa wɔn , "Ɛhefa na wɔbɛwo Kristo no?" 5 Wɔbuaa no , "Betlehem a ɛwɔ Yudea. Na yei ne deɛ odiyifoɔ no kaeɛ:

6 " Ao kuro Betlehem, wo a

wonyɛ akumaa Yuda asafohene mu,

wo mu na mɛyi deɛ ɔbɛdi

me ɔman Israel anim afiri.’ "

7 Ɔhene Herode frɛɛ anyansafoɔ no kɔkoam bisaa wɔn ɛberɛ pɔtee a wɔhunuu nsoromma no. Ɔtoaa so ka kyerɛɛ wɔn , 8 "Monkɔ Betlehem nkɔhwehwɛ abɔfra no. mohunu no a, mommɛka nkyerɛ me, na me nso menkɔsom no bi."

9 Anyansafoɔ no tiee ɔhene no asɛm no wieeɛ no, wɔkɔeɛ. Wɔrekɔ no, nsoromma a wɔhunuu apueeɛ no sane yii ne ho adi bio kyerɛɛ wɔn. Ɛdii wɔn anim kɔsii beaeɛ a wɔawo abɔfra no Betlehem . 10 Ɛberɛ a wɔhunuu nsoromma no no, wɔn ani gyee mmoroso. 11 Wɔduruu efie2.11 Anyansafoɔ no ankɔhwɛ Yesu ɛberɛ a ɔda mmoa adididaka mu sɛdeɛ na amanneɛ te ne sɛdeɛ nnwanhwɛfoɔ no kɔhwɛɛ no no. Mmom, abosome bi akyi no, wɔkɔhwɛɛ "abɔfra" no wɔ ne "fie". a abɔfra no ne ne maame Maria no, wɔkoto sɔree no. Wɔde wɔn akyɛdeɛ a ɛyɛ sikakɔkɔɔ, aduhwam ne kurobo yɛɛ no ayɛ. 12 Onyankopɔn soo wɔn daeɛ bɔɔ wɔn kɔkɔ wɔnnsane nkɔ Herode nkyɛn bio Yerusalem. Enti wɔfaa ɛkwan foforɔ so kɔɔ wɔn kurom.

Wɔbɔ Wɔn Ho Adwaa Misraim

13 Anyansafoɔ no kɔeɛ akyiri no, Awurade ɔbɔfoɔ soo Yosef daeɛ , "Sɔre fa abɔfra no ne ne maame na monkɔ Misraim nkɔtena nkɔsi mɛkyerɛ mo ɛberɛ a mobɛsane aba. Ɛfiri , Ɔhene Herode rehwehwɛ abɔfra no akum no."

14 Anadwo no ara, Yosef faa abɔfra no ne Maria siim kɔɔ Misraim, 15 na wɔtenaa kɔsii Ɔhene Herode wuiɛ. Yei na ɛmaa deɛ Awurade nam odiyifoɔ no so kaeɛ , "Mafrɛ me Ba afiri Misraim" no baa mu.

Betlehem Mmɔfra No Kum

16 Herode hunuu anyansafoɔ no adaadaa no no, ne bo fuu mmoroso. Ɔsomaa nʼasraafoɔ wɔnkɔ Betlehem ne nkuro a atwa ho ahyia no nyinaa mu nkɔkunkum mmadoma mmarimaa kɔsi wɔn a wɔadi mfeɛ mmienu so, sɛdeɛ anyansafoɔ no ɛberɛ a wɔkaa wɔwoo abɔfra no mu no kyerɛ no. 17 Deɛ wɔnam odiyifoɔ Yeremia so kaeɛ no baa mu ,

18 "Wɔte nne bi Rama.

Ɛyɛ osu ne agyaadwoɔ;

Rahel resu ne mma;

na ɔmpɛ wɔkyekyere ne werɛ,

ɛfiri , wɔnte ase bio".

Wɔsane Ba Nasaret

19 Herode wuiɛ akyiri no, Awurade ɔbɔfoɔ yii ne ho adi kyerɛɛ Yosef daeɛ mu Misraim ka kyerɛɛ no , 20 "Sɔre na fa abɔfra no ne ne maame Israel asase so, ɛfiri , wɔn a wɔpɛɛ wɔkum abɔfra no awuwu."

21 Yosef faa abɔfra no ne ne maame sane kɔɔ Israel asase so bio. 22 Yosef tee Arkelao2.22 Ɔhempɔn Herode ba yi dii adeɛ sɛ ɔhene wɔ Yudea ne Samaria mfirinhyia edu pɛ. (4 AWK–6 KAA) Na ɔyɛ otirimuɔdenfoɔ ne nhyɛsotrasoɔ. Yei ma wɔtuu no adeɛ so ma Yudea bɛyɛɛ Roma mantam a na wɔtua toɔ ma Roma Ɔhempɔn no ananmusini. a ɔyɛ Herode ba na ɔdi ɔhene Yudea saa ɛberɛ no mu no, ɔsuroo ɔbɛkɔ . Awurade sane soo no daeɛ foforɔ bio ɔnnkɔ Yudea, na mmom, ɔnkɔ Galilea.2.22 Yesu berɛ so no, na Galilea da Ɔman Kronkron no atifi fam. 23 Enti, wɔkɔtenaa kuro Nasaret mu. Yei nso maa deɛ adiyifoɔ no kaeɛ , "Wɔbɛfrɛ no Nasareni" no baa mu.

Veja também