Pular para o conteúdo
Publicidade

Mateus 24

Ɔhaw Ne Ɔtaa

3 Yesu kɔɔ Ngo Bepɔ no so. Ɔte no, nʼasuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛbisaa no , "Ɛberɛ bɛn na deɛ woreka yi bɛba? Na nsɛnkyerɛnneɛ bɛn na ɛbɛma yɛahunu wo ba a wobɛsane aba bio no ne ewiase awieeɛ a ɛbɛba no?"

4 Yesu ka kyerɛɛ wɔn , "Monhwɛ na obi annaadaa mo. 5 Nnipa bebree de me din bɛba abɛka , wɔne Agyenkwa no, na wɔadaadaa mo mu pii. 6 mote akokoakoko resi afanan nyinaa a, ɛnkyerɛ me ba a mɛsane aba no ho nsɛnkyerɛnneɛ. Ɛsɛ yeinom ba, nanso awieeɛ no deɛ, ɛnnya mmaeɛ.

Veja também