Pular para o conteúdo
Publicidade

Mateus 26

Yesu Mpaeɛ Getsemane

36 Yesu de wɔn kɔɔ baabi a wɔfrɛ Getsemane. Wɔduruu no, ɔka kyerɛɛ wɔn , "Montena ha ntwɛn me, na merekɔ mʼanim kakra akɔbɔ mpaeɛ." 37 Ɔfaa Petro ne Sebedeo mma baanu a wɔn edin de Yakobo ne Yohane kaa ne ho. Ne werɛ hyɛɛ aseɛ hoeɛ, na ne ho nso yeraa no. 38 Ɔka kyerɛɛ wɔn , "Awerɛhoɔ ahyɛ me kra so de owuo mu. Montena ha na mo ne me nwɛn."

39 Na ɔkɔɔ nʼanim kakra, de nʼanim kɔbutuu fam bɔɔ mpaeɛ , "MʼAgya, ɛbɛtumi a, ma kuruwa yi ntwa me ho nkɔ. Nanso, deɛ wopɛ na ɛnyɛ, na nyɛ deɛ mepɛ."

40 Na ɔsane baa asuafoɔ baasa no nkyɛn bɛhunuu wɔadeda. Ɔfrɛɛ Petro bisaa no , "Petro, woantumi antena ase ne me anwɛn dɔnhwereɛ baako mpo? 41 Monwɛn na mommɔ mpaeɛ, na moankɔ sɔhwɛ mu. Honhom deɛ, nanso ɔhonam mmerɛ!"

42 Ɔsane gyaa wɔn bio kɔbɔɔ mpaeɛ , "MʼAgya, kuruwa yi rentwa me ho nkɔ, na nom ara na ɛsɛ menom a, deɛ wopɛ nyɛ."

43 Ɔsane baa wɔn nkyɛn bio bɛhunuu wɔn wɔadeda ɛfiri , na wɔn ani kum yie. 44 Ɔsane kɔɔ mpaeɛbɔ a ɛtɔ so mmiɛnsa so kɔbɔɔ mpaeɛ kaa asɛm korɔ no ara.

45 Ɔsane baa asuafoɔ no nkyɛn bɛka kyerɛɛ wɔn , "Afei deɛ, monna na monhome. Hwɛ, ɛdɔn no aduru. Wɔrebɛyi Onipa Ba no ahyɛ nnebɔneyɛfoɔ nsa! 46 Monsɔre na yɛnkɔ! Monhwɛ! Deɛ ɔreyi me ama no na ɔreba no!"

Veja também