Publicidade

Mateus 5

Nhyira Nsɛm

1 Ɔhunuu nnipakuo no saa no, ɔkɔɔ bepɔ bi so. Ɔtenaa ase no, nʼasuafoɔ no kɔɔ ne nkyɛn. 2 Na ɔhyɛɛ aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔn ,

3 "Nhyira ne wɔn a wɔyɛ ahiafoɔ honhom mu,

na wɔn na ɔsoro ahennie wɔn dea.

4 Nhyira ne wɔn a wɔn werɛ aho,

na wɔn na Onyankopɔn bɛkyekyere wɔn werɛ.

5 Nhyira ne ahobrɛasefoɔ,

na wɔn na Onyankopɔn bɛma wɔadi asase so.

6 Nhyira ne wɔn a wɔn ne wɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛdeɛ,

na wɔn na Onyankopɔn bɛma wɔn deɛ ɛhia wɔn.

7 Nhyira ne wɔn a wɔhunu mmɔbɔ,

na wɔn na Onyankopɔn bɛhunu wɔn mmɔbɔ.

8 Nhyira ne wɔn a wɔn akoma mu teɛ,

na wɔn na wɔbɛhunu Onyankopɔn.

9 Nhyira ne apatafoɔ,

na wɔn na Onyankopɔn bɛfrɛ wɔn ne mma.

10 Nhyira ne wɔn a ɛsiane wɔyɛ Onyankopɔn apɛdeɛ enti, wɔtaa wɔn,

na wɔn na Ɔsoro Ahennie no wɔn dea.

11 "Nhyira ne mo a me din mu enti, wɔya mo, taa mo, twa atorɔ, ka asɛmmɔne to mo so. 12 Momma mo ani nnye na monsɛpɛ mo ho, ɛfiri , mowɔ akatua a ɛso ɔsoro. Monhunu saa ara na wɔtaa adiyifoɔ a wɔdii mo ɛkan no.

Nkyene Ne Kanea

13 "Mone asase yi so nkyene. nkyene yera a, ɛkwan bɛn so na wɔbɛfa ama ayɛ nkyene bio? Ɛnyɛ mma hwee bio, gye wɔhwie gu na nnipa tiatia so.

14 "Mone ewiase kanea. Kuro a ɛda bepɔ so no ntumi nhinta. 15 Wɔnsɔ kanea mfa nsie, na mmom, wɔde si petee mu na ahyerɛn ama wɔn a wɔwɔ efie no mu no nyinaa. 16 Saa ara na momma mo nneyɛeɛ pa nna adi mma nnipa nhunu na wɔnam so ahyɛ mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no animuonyam.

Mmara No Mu Den Hyɛ

17 "Monnsusu maba merebɛsɛe Mmara no anaa Adiyifoɔ no nkyerɛkyerɛ no. Na mmom, maba merebɛhyɛ no ma sɛdeɛ ne nyinaa bɛba mu pɛpɛɛpɛ. 18 Monhunu ɔsoro ne asase da so yi, Mmara no mu biribiara rensakra da kɔsi ne nyinaa bɛba mu. 19 Yei enti, obiara a ɔbɛbu mmaransɛm no mu fa bi so, na ɔbɛkyerɛkyerɛ afoforɔ ama wɔn nso abu mmaransɛm no mu fa bi so no, ɔbɛyɛ akumaa ɔsoro ahennie mu. Na obiara a ɔbɛdi mmara no so, na ɔbɛkyerɛkyerɛ afoforɔ ama wɔn nso adi mmara no soɔ no, ɔbɛyɛ kɛseɛ Ɔsoro Ahennie mu. 20 Enti, merebɔ mo kɔkɔ , mopɛ mokɔ ɔsoro ahennie mu deɛ a, gye moyɛ Onyankopɔn apɛdeɛ sene deɛ Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no ne Farisifoɔ no .

Abufuo Ho Mmara

21 "Mose mmara no ka , Deɛ ɔdi awuo no, ɔno nso ɛsɛ wɔkum no bi. 22 Na me deɛ, deɛ mereka ne , obiara a ne bo bɛfu ne nua no, wɔbɛbu no atɛn. Bio, obiara a ɔbɛdi ne nua atɛm no, wɔbɛfrɛ no mpanin anim. Afei, obiara a ɔbɛka akyerɛ ne nua , Ogyimifoɔno, ɔbɛkɔ amanehunu ogya mu.

23 "Enti, ɛba worekɔbɔ afɔdeɛ na wokae wo ne wo nua asɛm a, 24 gyae afɔdeɛ no , na na wo ne wo nua no nkɔbom ansa na woakɔbɔ wʼafɔdeɛ no.

25 "wo ne obi nya asɛm a, wo ne no mmɔ mu ntɛm, na wamfa wo ankɔ asɛnniiɛ ankɔma ɔtemmufoɔ, na ɔtemmufoɔ no amfa wo anhyɛ afiasehwɛfoɔ nsa, na afiasehwɛfoɔ no amfa wo ankɔto afiase. 26 ɔde wo ɔtemmufoɔ anim a, kae , ansa na wobɛfiri asɛnniiɛ no, gye woatua sika biara a wɔregye afiri wo no.

Adwamammɔ

27 "Mose mmara no ka , Nsɛe awadeɛ. 28 Na me deɛ, deɛ mereka ne : Obiara a ɔhunu ɔbaa na ne kɔn no nʼakoma mu no, abɔ adwaman. 29 wʼani baako a ɛyɛ to wo suntidua a, ɛyɛ wobɛtu ato atwene. Ɛfiri , ɛyɛ wobɛhwere wʼakwaa fa bi sene wɔbɛto wo onipadua no nyinaa atwene amanehunu ogya mu. 30 Saa ara nso na wo nsa a ɛyɛ to wo suntidua a, ɛyɛ wobɛtwa ato atwene ɛfiri , ɛyɛ wobɛhwere wʼakwaa fa bi sene wɔbɛto wo onipadua nyinaa atwene amanehunu ogya mu.

Awaregyaeɛ

31 "Mose mmara no ka , Obiara a ɔbɛgyaa ne yere no mma no awaregyaeɛ krataa. 32 Na me deɛ, deɛ mereka ne , ɔbarima bi gyaa ne yere a ɛnyɛ ɔbaa no abɔ adwaman, na ɔbaa no sane kɔware bio a, na ɔbarima a ɔgyaee no no ama ɔbaa no asɛe awadeɛ. Ɔbarima foforɔ a ɔbɛware ɔbaa no nso asɛe awadeɛ saa ara.

Ɔkasa Mu Nokorɛdie

33 "Bio, Mose mmara no ka , Mmu a woahyɛ Onyankopɔn no so, na mmom, di a woahyɛ no no so. 34 Na me deɛ, deɛ mereka ne : Monnka ntam mfa nhyɛ . Monnnɔ ɔsoro, ɛfiri , ɛyɛ Onyankopɔn ahennwa. 35 Monnnɔ fam, ɛfiri , ɛyɛ Onyankopɔn nan ase adwa. Monnnɔ Yerusalem, ɛfiri , ɛyɛ ɔhenkɛseɛ kuropɔn. 36 Mfa wo tiri nka ntam, ɛfiri , worentumi nnane tirinwi baako mpo mma ɛnyɛ fitaa anaa tuntum. 37 Momma mo nsɛm nyɛ Aaneanaa Dabi.Asɛm biara a wobɛka a ɛnyɛ aane anaa dabi no firi ɔbonsam.

Aweretɔ

38 "Mose mmara no ka , obi tu wʼani a, tu ne deɛ bi. obi tu wo se nso a, tu ne deɛ bi. 39 Na me deɛ, deɛ mereka ne : Mommfa bɔne ntua bɔne so ka! obi wʼaso nifa mu a, dane benkum no nso ma no na ɔmmɔ mu. 40 obi ne wo di asɛm gye wʼatadeɛ nhyɛaseɛ a, worɔ wʼatadeɛ nkatasoɔ ka ho ma no. 41 obi hyɛ wo , wo ne no nnante kwansin baako a, wo ne no nkɔ akwansini mmienu. 42 obi srɛ wo biribi a, fa ma no; obi ɔfɛm wo biribi a, fa fɛm no.

Wʼatamfoɔ

43 "Moate wɔaka , wo yɔnko, na tane wʼatamfoɔ. 44 Na me deɛ, deɛ mereka ne : monnɔ mo atamfoɔ, na mommɔ mpaeɛ mma wɔn a wɔha mo. 45 Yei bɛma mo ayɛ mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no mma, ɛfiri , ɔma nʼawia pue, ma ne nsuo ma nnipa bɔne ne nnipa pa nyinaa . 46 modɔ wɔn a wɔdɔ mo no nko ara a, akatua bɛn na mobɛnya? Ɛnyɛ saa ara na nnebɔneyɛfoɔ nso ? 47 mokyea wɔn a monim wɔn nko ara a, nsonsonoeɛ bɛn na ɛda mo ne afoforɔ ntam? Ɛnyɛ saa ara na nnebɔneyɛfoɔ nso ? 48 Enti monyɛ sɛdeɛ mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no no.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-28_14-13-17-