3 "Nhyira ne wɔn a wɔyɛ ahiafoɔ wɔ honhom mu,
na wɔn na ɔsoro ahennie yɛ wɔn dea.
4 Nhyira ne wɔn a wɔn werɛ aho,
na wɔn na Onyankopɔn bɛkyekyere wɔn werɛ.
5 Nhyira ne ahobrɛasefoɔ,
na wɔn na Onyankopɔn bɛma wɔadi asase so.
6 Nhyira ne wɔn a wɔn pɛ ne sɛ wɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛdeɛ,
na wɔn na Onyankopɔn bɛma wɔn deɛ ɛhia wɔn.
7 Nhyira ne wɔn a wɔhunu mmɔbɔ,
na wɔn na Onyankopɔn bɛhunu wɔn mmɔbɔ.
8 Nhyira ne wɔn a wɔn akoma mu teɛ,
na wɔn na wɔbɛhunu Onyankopɔn.
9 Nhyira ne apatafoɔ,
na wɔn na Onyankopɔn bɛfrɛ wɔn ne mma.
10 Nhyira ne wɔn a ɛsiane sɛ wɔyɛ Onyankopɔn apɛdeɛ enti, wɔtaa wɔn,
na wɔn na Ɔsoro Ahennie no yɛ wɔn dea.
11 "Nhyira ne mo a me din mu enti, wɔya mo, taa mo, twa atorɔ, ka asɛmmɔne to mo so. 12 Momma mo ani nnye na monsɛpɛ mo ho, ɛfiri sɛ, mowɔ akatua a ɛso wɔ ɔsoro. Monhunu sɛ saa ara na wɔtaa adiyifoɔ a wɔdii mo ɛkan no.