Publicidade

Mateus 7

Atɛnyie

1 "Mommmu ntɛn, na afoforɔ ammu mo ntɛn. 2 Deɛ mode afoforɔ no, ɛno ara na wɔde bɛyɛ mo.

3 "Adɛn na woma aboseaa a ɛda wo nua ani so no ha wo, ɛberɛ a ɛboɔ kɛseɛ da wo deɛ so? 4 Ɛbɛyɛ dɛn na woatumi aka akyerɛ wo nua , Ma menyi aboseaa a ɛda wʼani so no mma wo,ɛberɛ a ɛboɔ da wʼani so. 5 Nyaatwomni! Di ɛkan yi ɛboɔ a ɛda wʼani so no ansa na woatumi ahunu aboseaa a ɛda wo nua ani so ayi ama no.

6 "Mommfa deɛ ɛho te mma nkraman. Saa ara nso na monnto mo nhwene pa ngu mprako anim! Wɔbɛtiatia so, na woadane wɔn ho ato ahyɛ mo so.

Bisa, Hwehwɛ, Pem

7 "Mommisa, na wɔbɛma mo; monhwehwɛ, na mobɛhunu; mompem, na wɔbɛbue mo. 8 Na obiara a ɔbisa no, ɔnya. Obiara a ɔhwehwɛ no, ɔhunu; na deɛ ɔpem no, wɔbue no.

9 "Na hwan na ne ba bisa no burodo a ɔbɛma no ɛboɔ? 10 Anaasɛ ɔbisa no nsuomnam a ɔbɛma no ɔwɔ? Ɛremma saa da! 11 Na mo a moyɛ nnebɔneyɛfoɔ mpo nim sɛdeɛ moma mo mma nnepa a, ɛbɛyɛ dɛn na mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no mfa nnepa mma ne mma a wɔbisa no no. 12 Enti, sɛdeɛ mmara no ne adiyifoɔ no ka no, adeɛ biara a mopɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ mma wɔn saa ara.

Ɛkwan Teateaa No

13 "Ɛkwan teateaa no nko ara so na wobɛtumi afa akɔ ɔsoro! Ɛkwan a ɛkɔ ɔbonsam kurom no trɛ, na nʼapono nso mu baeɛ ma nnipadɔm a wɔfa so ɔsɛeɛ mu. 14 Ɛpono a wɔwura mu de nkwa mu no ketewa na ɛkwan a wɔfa so no nso teateaa, na nnipa kakra bi na wɔhunu fa so.

15 "Monhwɛ mo ho yie atorɔ akyerɛkyerɛfoɔ a wɔba mo nkyɛn ahobrɛaseɛ mu nnwan nanso wɔyɛ mpataku a wɔnya mo a, wɔbɛtete mo pasaa no ho. 16 Wɔn nneyɛeɛ na mode bɛhunu wɔn, sɛdeɛ motumi de dua bi aba hunu dua ko a ɛyɛ no. Worentumi nte bobe nkasɛɛ so; saa ara nso na worentumi nte borɔdɔma nnɛnkyɛmse so. 17 Dua a ɛwɔ nnyinasoɔ pa no tumi so aba pa; na dua a ɛnni nnyinasoɔ pa no nso so aba bɔne. 18 Dua pa ntumi nso aba bɔne saa ara nso na dua bɔne ntumi nso aba pa. 19 Dua biara a ɛnso aba pa no, wɔtwa de gu ogya mu hye no. 20 Onipa nneyɛeɛ na ɛma yɛhunu ne suban.

21 "Ɛnyɛ obiara a ɔbɔ me din Awurade, Awuradeno na ɔbɛkɔ ɔsoro ahennie mu. 22 Atemmuo da no, nnipa pii bɛka akyerɛ me , Awurade, yɛkaa wo ho asɛm kyerɛɛ afoforɔ. Yɛnam wo din nso so tuu ahonhommɔne, sane yɛɛ anwanwadeɛ, ahodoɔ. 23 Na mabua wɔn , mennim mo da. Momfiri me so nkɔ, nnebɔneyɛfoɔ!

24 "Wɔn a wɔtie deɛ meka, na wɔdi so no te onyansafoɔ a ɔsi ne dan si ɔbotan so. 25 osuo , na osuframa , na nsuo yiri, na emu biara ka ɛdan no a, ɛremmu da ɛfiri , wɔsi sii ɔbotan so. 26 Nanso, wɔn a wɔtie deɛ meka na wɔnni soɔ no te ɔkwasea bi a ɔsii ne dan sii anwea so. 27 osuo , na osuframa , na nsuo yiri, na emu biara ka ɛdan no a, ɛbɛdwiri agu fam, abubu pasaa."

28 Yesu asɛnka no maa nnipadɔm a wɔtiee no no nyinaa ho dwirii wɔn, 29 ɛfiri , ɔkyerɛkyerɛɛ obi a ɔkura tumi na ne nkyerɛkyerɛ no nte deɛ Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no kyerɛ no.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-28_14-13-17-