Publicidade

Mateus 8

Yesu Sa Nyarewa

1 Ɛberɛ a Yesu sianee bepɔ no no, nnipadɔm bebree dii nʼakyi. 2 Ɔkwatani bi baa Yesu nkyɛn bɛkotoo no, srɛɛ no , "Me wura, mesrɛ wo, ɛyɛ wo a, sa me yadeɛ."

3 Yesu tenee ne nsa de kaa ɔkwatani no kaa , "Mɛsa wo yadeɛ. Kwata, firi ne ho !" Amonom ara, kwata no firii ne ho. 4 Yesu ka kyerɛɛ no , "Wo ne obiara nni wʼayaresa yi ho nkɔmmɔ. na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfoɔ, na afɔdeɛ a Mose hyɛɛ wɔmmɔ adansedie no."

5 Yesu kɔɔ Kapernaum. Ɔduruu no, Roma asraafoɔ panin bi a ɛdɔm hyɛ nʼase baa ne kyɛn bɛbuu no nkotodwe kaa , 6 "Awurade, mʼabɔfra abubu gu a ɔrehunu amane; mesrɛ wo, bɛsa no yadeɛ ma me."

7 Yesu ka kyerɛɛ no , "Mɛba abɛsa no yadeɛ."

8 Asraafoɔ panin no tee Yesu asɛm a ɔkaeɛ no, ɔkaa , "Awurade, memfata woba me fie. Ka biribi na mʼabɔfra no ho bɛyɛ no den. 9 Meyɛ ɔsraani a mehyɛ tumi ase, na mesane asraafoɔ a wɔhyɛ mʼase. Meka kyerɛ wɔn mu bi ɔnkɔ a, ɔkɔ. Meka kyerɛ ɔfoforɔ ɔmmra a, ɔba. Saa ara nso na meka kyerɛ mʼabɔfra ɔnyɛ biribi a, ɔyɛ ara no no."

10 Yesu tee saa asɛm yi no, ɛyɛɛ no nwanwa. Ɔdanee nʼani, ka kyerɛɛ nnipadɔm a wɔdi nʼakyi no , "Israelman mu nyinaa, menhunuu gyidie a ɛte sei da. 11 Na mereka akyerɛ mo , nnipa pii bɛfiri apueeɛ ne atɔeɛ aba, na wɔne Abraham, Isak ne Yakob ato nsa adidi ɔsoro ahennie no mu. 12 Na Israelfoɔ a wɔsiesiee ɔsoro ahennie maa wɔn no mu pii a wɔbɛto wɔn agu esum kabii mu, na wɔde wɔn nsa bɛgu wɔn tiri atwa agyaadwoɔ."

13 Yesu ka kyerɛ asraafoɔ panin no , "efie. Deɛ wogye die no aba mu ama wo!" Saa ɛberɛ korɔ no ara mu, abɔfra no ho tɔɔ no!

Yesu Sa Petro Ase Yadeɛ

14 Yesu kɔɔ Petro fie. Ɔkɔtoo huraeɛ akyere Petro ase baa ma ɔda . 15 Yesu sɔɔ ne nsa na amonom, huraeɛ no tu firii ne so. Ɔsɔre noaa aduane maa wɔn.

16 Saa ɛda no anwummerɛ no, wɔde wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne pii brɛɛ Yesu. Nʼanom asɛm a ɔkaeɛ no maa ahonhommɔne no nyinaa tu yeraeɛ, na wɔn a wɔyare no nyinaa nso ho tɔɔ wɔn. 17 Yei maa deɛ Odiyifoɔ Yesaia kaa ,

"Ɔfaa yɛn ahoɔmmerɛ,

na ɔsoaa yɛn nyarewa nyinaa" no baa mu.

Yesu Akyiridie

18 Yesu hunuu ɛdɔm no redɔɔso no, ɔka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no , wɔntwa nkɔ asuogya nohoa. 19 Ɛhɔ ara Yudani ɔkyerɛkyerɛfoɔ bi ka kyerɛɛ Yesu , "Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, baabiara a wobɛkɔ no, mɛdi wʼakyiri!"

20 Yesu buaa no , "Sakraman abɔn, ewiem nnomaa nso mpirebuo, nanso me, Onipa Ba no deɛ, menni baabi a mede me tiri to!"

21 Asuafoɔ no mu baako bɛka kyerɛɛ no , "Owura, ma me kwan na menkɔsie mʼagya ansa na mʼabɛdi wʼakyi."

22 Nanso, Yesu ka kyerɛɛ no , "Di mʼakyi. Wɔn a wɔawu no nsie wɔn awufoɔ".

Yesu Brɛ Ahum Ase

23 Yesu saa nyarewa no wieeɛ no, ɔkɔtenaa kodoɔ mu na nʼasuafoɔ no dii nʼakyi. 24 Prɛko , ahum kɛseɛ bi tuiɛ maa asorɔkye bu bɛkataa kodoɔ no so. Nanso, na Yesu deɛ, wada. 25 Nʼasuafoɔ no de nteateamu kɔɔ ne nkyɛn, kɔnyanee no kaa , "Awurade! Gye yɛn na yɛreyɛ amem!"

26 Yesu nyaneeɛ no, ɔka kyerɛɛ wɔn , "Mo a mo gyidie sua, adɛn na moabɔ hu saa?" Ɛhɔ ara, ɔsɔre teateaa ahum ne asorɔkye no ma ɛyɛɛ dinn.

27 Asuafoɔ no ho dwirii wɔn yie. Wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho , "Onipa bɛn mpo ni a ahum ne ɛpo tie no yi?"

Yesu Tu Ahonhommɔne

28 Yesu ne nʼasuafoɔ no duruu asuogya Gadarafoɔ asase so no, nnipa baanu bi a ahonhommɔne wɔn so firi amusieeɛ bɛhyiaa no. Esiane na saa nnipa yi keka enti, na obiara ntumi mfa faako a wɔwɔ . 29 Wɔhunuu no , wɔhyɛɛ aseɛ teateaam , "Onyankopɔn Ba, ɛdeɛn na worehwehwɛ afiri yɛn nkyɛn? Woaba ha worebɛyɛ yɛn ayayadeɛ ɛberɛ a mmerɛ no nsoeɛ anaa?"

30 Saa ɛberɛ korɔ no ara mu na mprakokuo bi redidi nkyɛn baabi. 31 Ahonhommɔne no srɛɛ Yesu , "wotu yɛn a, fa yɛn kɔhyɛ mprakokuo yi mu."

32 Yesu tiaa wɔn , "Momfiri!" Ɛhɔ ara ahonhommɔne no firii nnipa no mu, kɔwuraa mprako no mu. Mprakokuo no nyinaa de mmirika sianee bepɔ no, kɔguu ɛpo no mu ma ɛfaa wɔn. 33 Ntɛm ara, wɔn a wɔhwɛ mprako no so no tuu mmirika kɔɔ kurom, kɔkaa deɛ asie no kyerɛɛ nkurɔfoɔ. 34 Kurom hɔfoɔ no tee deɛ aba no, wɔbɔɔ twi, kɔɔ deɛ Yesu no. Wɔhunuu Yesu no, wɔsrɛɛ no ɔmfiri wɔn ɔman mu nkɔ.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-